Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 7:28 - New Revised Asante Twi Bible

28 Ɛha na nsɛm no ase asie. Na me, Daniel deɛ, m’adwene haa me pii, na m’anim sakyerae, na mede asɛm no mesiee m’akoma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 “Asɛm no awiei ni. Me, Daniel, mʼadwennwene yi haw me yiye na mʼanim sesae, na mede saa nsɛm yi siee me koma mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 “Asɛm no awieeɛ nie. Me, Daniel, mʼadwendwene yi haa me yie na mʼanim sesaeɛ na mede saa nsɛm yi siee mʼakoma mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

28 Ɛha na nsɛm no ase asi. Na me, Daniel de, m’adwene haw me pii, na m’anim sakrae, na mede asɛm no misiee me koma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 7:28
19 Iomraidhean Croise  

Na ɔka kyerɛɛ n’agya ne ne nuanom no, n’agya kaa n’anim sɛ: Daeɛ bɛn na woaso yi? Kyerɛ sɛ, me ne wo na ne wo nuanom bɛba abɛkoto fam wɔ w’anim?


Na ne nuanom ani beree no; na n’agya deɛ, ɔde nsɛm no siee.


Na hwɛ, obi a ɔte sɛ nnipa mma nsɛsoɔ kaa m’anofafa, na mebuee m’ano mekasa ka kyerɛɛ deɛ ɔgyinaa m’anim no sɛ: Owura, anisoadehunu no mu maboto ahima, na ahoɔden biara nni me mu;


Na ɛkaa me nko ara na mehunuu anisoadeɛ kɛseɛ yi, na ahoɔden biara anka me mu, na m’ahoɔfɛ dane yɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ.


Na ahemfo baanu no deɛ, wɔn akoma bɛdwene asɛmmɔne na wɔaka atorosɛm didipono baako ho; nanso ɛrenyɛ wɔn mfasoɔ biara, ɛfiri sɛ awieeɛ no bɛba ara ɛberɛ a wɔahyɛ no mu.


Na wo Daniel deɛ kɔ kɔduru awieeɛ, na woakɔhome na wɔasɔre akɔnya wo kyɛfa, nna a ɛdi akyire no mu.


Na ɔse: Daniel, kɔ ɛ, na wɔatoto nsɛm no mu asɔ ano de rekɔsi awieeɛ berɛ no so.


N’adwene nsakyera na anyɛ onipa deɛ bio, na wɔmma no aboa adwene na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.


Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwirii no kakra ara sann, na n’adwene haa no. Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Beltesasar, mma daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ nnha wo. Beltesasar kaa sɛ: Me wura, anka ma daeɛ no mfa wɔn a wɔkyiri woɔ ho, na ne nkyerɛaseɛ mfa w’atamfo ho.


Ɛnna ɔhene anim daneeɛ, na n’adwene haa no, na n’asene mu nhoma hodwoe, na ne nkotodwe ka boboom biribiri.


Me, Daniel, me honhom bɔmee wɔ me honam mu, na m’anisoadehunu no haa me.


Ɔhene Belsasar ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii anisoadehunu bi kyerɛɛ me, Daniel, akane deɛ a wɔyi kyerɛɛ me no akyi.


Na ɔbaa deɛ megyina hɔ, na ɔbaeɛ no, mesuroe, na mede m’anim butuu fam. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: O onipa ba, te aseɛ, na adehunu no fa awieeɛ berɛ ho.


Na ɔse: Hwɛ, merema woahunu deɛ ɛbɛba abohuro no akyiri berɛ mu, na ɛfa awieeɛ berɛ a wɔahyɛ no ho.


Na me, Daniel, meyɛɛ siamoo, na meyaree nna bi, ansa na meresɔre mayɛ ɔhene adwuma, na adehunu no yɛɛ me ahodwiri, na obiara ante aseɛ.


Na ntɛm ara a nkurɔfokuo no nyinaa hunuu no no, wɔn ho dwirii wɔn, na wɔde mmirika ba bɛkyeaa no.


Na Maria deɛ, ɔde nsɛm yi nyinaa sieeɛ, na ɔdwenee ho n’akoma mu.


Na ɔne wɔn sii mu sane kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee n’akomam.


Momma nsɛm yi nkɔ mo aso mu; na wɔrebɛyi onipa ba no ahyɛ nnipa nsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan