Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 7:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 kɔsii sɛ deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen no baeɛ, na wɔbuu ɔsorosoroni no ahotefoɔ no bem, na ɛberɛ a ɛsɛsɛ ahotefoɔ sɔ ahennie mu no durui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 kosii sɛ, Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no ba bebuu atɛn, maa Ɔsorosoroni ahotefo no dii bem. Afei bere duu sɛ wɔfa ahemman no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 kɔsii sɛ, Deɛ ɔwɔ ho firi Tete no baeɛ, bɛbuu atɛn, maa Ɔsorosoroni ahotefoɔ no dii bem. Afei, ɛberɛ duruiɛ sɛ, wɔfa ahemman no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 kosii sɛ nea ne nna akyɛ no bae, na wobuu atɛn maa ɔsorosoroni no ahotefo, na ɛbere a ahotefo beso ahenni no mu no dui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 7:22
17 Iomraidhean Croise  

Ahotefoɔ hyehyɛ wɔn ho animuonyam mu, wɔto ahosan dwom, wɔn nnaeɛ so.


Na aweretɔ da bi wɔ m’akoma mu, na me gyeɛ afe no aba.


Na ɔsorosoroni no ahotefoɔ bɛfa ahennie no, na wɔanya ahennie no daa daa mmerɛ santen.


Ɔkaa sɛ: Aboa a ɔtɔ so nnan no bɛyɛ ahennie a ɛtɔ so nnan, asase so a ɛbɛsono ɛno, ahennie nyinaa mu, na ɛbɛmene asase nyinaa atiatia so abubu no asinasini.


Na Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a moabɛdi m’akyire yi, wiase foforɔ no mu no, ɛda a Onipa Ba no bɛtena n’animuonyam ahennwa soɔ no, mo nso mobɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn.


Na ɛno ansa na wɔbɛyi deɛ ɔnni mmara biara no adie, deɛ Awurade de n’anomu home bɛkum no na ɔde ne ba no pue bɛyi no hɔ koraa no.


na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfoɔ mma n’Agya Nyankopɔn no, ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen.


Na mehunuu nhennwa bi, na wɔn a wɔtete soɔ no, wɔde atemmuo maa wɔn. Na mehunuu wɔn a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti wɔtwitwaa wɔn tire no akra, ne wɔn a wɔankoto aboa no anaa ne honi na wɔannye agyiraeɛ no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa soɔ no. Na wɔnyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirinhyia apem.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahennwa so, sɛdeɛ me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahennwa soɔ no.


na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfoɔ ama yɛn Nyankopɔn, na wɔbɛdi asase so ahene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan