Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 7:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 ne ne tiri so mmɛn du ne foforɔ a ɛpueeɛ no a mmiɛnsa tutuu wɔ n’anim, abɛn no a ɛwɔ aniwa ne ano a ɛkeka nsɛnkɛseɛ, na wɔhwɛ a, ɔso sene ne mfɛfoɔ no deɛ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Afei mepɛɛ sɛ mete mmɛn du a na etuatua ne ti ho ne nea epuee akyi no ase. Ɛbɛsɛee nea na ɛwɔ hɔ dedaw no mu abiɛsa, na eyi yɛ abɛn a edi mu kyɛn nkae no a na ɛwɔ onipa aniwa ne ano a ɛkasa ahantan so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Afei, mepɛɛ sɛ mete mmɛn edu a na ɛtuatua ne tiri ho ne deɛ ɛpuee akyire no ase. Ɛbɛsɛee deɛ na ɛwɔ hɔ dada no mu mmiɛnsa, na yei yɛ abɛn a ɛdi mu kyɛn nkaeɛ no a na ɛwɔ onipa aniwa ne ano a ɛkasa ahantan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 ne ne ti so mmɛn du ne foforo a epuei no a abiɛsa tutui wɔ n’anim, abɛn no a ɛwɔ aniwa ne ano a ɛkeka nsɛnkɛse, na wohwɛ a, ɔso sen ne mfɛfo no de;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 7:20
9 Iomraidhean Croise  

Mehwɛe ara kɔsii sɛ ɛsiane nsɛm akɛseɛ a abɛn no kekaeɛ nti, wɔkumm aboa no, na wɔsɛee ne honam, na wɔde maa ogya a ɛrefranam no.


Ɛnna mepɛɛ sɛ mehunu nokorɛ a ɛfa aboa a ɔtɔ so nnan a ɛsono ɔno wɔn nyinaa mu a ne ho yɛ hu boro soɔ a ne se yɛ dadeɛ na ne bɔwerɛ yɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɔdidi keka mu de ne nan pɛkyɛ nkaeɛ no ho asɛm no ase,


mehwɛe na saa abɛn no ne ahotefoɔ dii ako, na ɛtumii wɔn,


Ɔkaa sɛ: Aboa a ɔtɔ so nnan no bɛyɛ ahennie a ɛtɔ so nnan, asase so a ɛbɛsono ɛno, ahennie nyinaa mu, na ɛbɛmene asase nyinaa atiatia so abubu no asinasini.


Yei akyiri no, mede hwɛ ara anadwo adehunu mu, na hwɛ, aboa a ɔtɔ so nnan a ne ho yɛ hu ne nwanwa na ɔyɛ den boro soɔ nie. Ɔwɔ dadeɛ se akɛseɛ, na ɔdidi kekaa mu de ne nan pɛkyɛɛ nkaeɛ, na ɛsono no ne mmoa a wɔdii n’anim nyinaa, na ɔwɔ mmɛn du.


Merehwɛ mmɛn no no, hwɛ, abɛn ketewa foforɔ bi puee wɔ wɔn ntam, na akane mmɛn no mu mmiɛnsa ase tutuu ɛno anim, na hwɛ, na aniwa a ɛte sɛ onipa aniwa ne ano a ɛkeka nsɛnkɛseɛ wɔ abɛn no ho.


Na nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ yii ne ho adi wɔ ɔsoro, na hwɛ, ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du, na ahemmotire nson bobɔ ne ti.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan