Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 7:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Mmoa akɛseɛ yi a wɔyɛ nnan yi yɛ ahemfo baanan a wɔbɛfiri asase soɔ asɔre agyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 ‘Saa mmoa akɛse anan yi gyina hɔ ma ahemman anan a wɔbɛsɔre wɔ asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 ‘Saa mmoa akɛseɛ ɛnan yi gyina hɔ ma ahemman ɛnan a wɔbɛsɔre asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Mmoa akɛse yi a wosi anan yi yɛ ahene baanan a wobefi asase so asɔre agyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 7:17
9 Iomraidhean Croise  

AWURADE, fa wo nsa bɛgye me firi nnipa nsam, nnipa a wɔn nkwa kyɛfa yɛ wiase deɛ, fa deɛ wɔasiesie ama wɔn hyɛ wɔn yafunu ma; ma wɔn mma nya no mmorosoɔ, na wɔnnya bi mma wɔn mmotafowa.


Metwe pinii wɔn a wɔgyina hɔ no mu baako, na mebisaa no yei nyinaa ase; na ɔka kyerɛɛ me, na ɔmaa mehunuu nnoɔma no nkyerɛaseɛ.


Na ɔsorosoroni no ahotefoɔ bɛfa ahennie no, na wɔanya ahennie no daa daa mmerɛ santen.


Yesu buaa sɛ: M’ahennie mfiri wiase. Sɛ m’ahennie firi wiase a, anka m’asomfoɔ bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafoɔ no nsa; nanso m’ahennie mfiri ha.


Na mehunuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ɛne tire nson sɛ ɔfiri po mu sɔreeɛ, na ahemmotire du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne tiri ho.


Na mehunuu aboa foforɔ bi a ɔfiri asase mu baeɛ, na ɔwɔ mmɛn mmienu sɛ adwammaa, na ɔkasa sɛ ɔtweaseɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan