Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 7:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Metwe pinii wɔn a wɔgyina hɔ no mu baako, na mebisaa no yei nyinaa ase; na ɔka kyerɛɛ me, na ɔmaa mehunuu nnoɔma no nkyerɛaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Enti, mekɔɔ wɔn a wogyinagyina hɔ no mu baako hɔ, kobisaa no saa nneɛma no nyinaa ase. “Ɔkyerɛɛ me ase se:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Enti, mekɔɔ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no mu baako, kɔbisaa no saa nneɛma no nyinaa ase. “Ɔkyerɛɛ me aseɛ sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Mitwiw mebɛn wɔn a wogyina hɔ no mu biako, na mibisaa no eyi nyinaa ase; na ɔka kyerɛɛ me, na ɔma mihuu nneɛma no nkyerɛase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 7:16
14 Iomraidhean Croise  

Ogya te sɛ asubɔnten sene firi n’anim bae, mpem mpem som no, na mpemdu mpemdu buburugyaa gyina n’anim, wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wɔbuebuee nwoma no mu.


Mmoa akɛseɛ yi a wɔyɛ nnan yi yɛ ahemfo baanan a wɔbɛfiri asase soɔ asɔre agyina.


Na ɔbaa deɛ megyina hɔ, na ɔbaeɛ no, mesuroe, na mede m’anim butuu fam. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: O onipa ba, te aseɛ, na adehunu no fa awieeɛ berɛ ho.


Na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔne me kasaa sɛ: Daniel, afei na mafiri aba sɛ merebɛma woanya nhunumu.


Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no.


Na hwɛ, ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no firii adi, na ɔbɔfoɔ foforɔ firii adi kɔhyiaa no,


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ wonante m’akwan so na wohwɛ m’ahwɛdeɛ a, ɛnna wo nso wobɛhwɛ me fie nsɛm so na woawɛn m’abannwa nso, na mɛma woanya kwan wɔ yeinom a wɔgyinagyina ha yi ntam.


Na mpanimfoɔ no mu baako ka kyerɛɛ me sɛ: Nsu, hwɛ, Yuda abusuakuo mu Gyata no, Dawid nhini no adi nkonim sɛ ɔbɛbue nwoma no mu na watete ne nsɔano nson no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan