Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 7:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ogya te sɛ asubɔnten sene firi n’anim bae, mpem mpem som no, na mpemdu mpemdu buburugyaa gyina n’anim, wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wɔbuebuee nwoma no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten sen fii nʼanim bae. Abɔfo mpempem kotow no, na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim. Baguafo no tenaa ase, na wofii ase buebuee nhoma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten tene firii nʼanim baeɛ. Abɔfoɔ mpempem kotoo no, na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim. Abadwafoɔ no tenaa ase, na wɔhyɛɛ aseɛ buebuee nwoma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 ogya te sɛ asubɔnten sen fi n’anim bae, mpem mpem som no, na ɔpedu huhaa gyina n’anim, wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wobuebuee nhoma no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 7:10
26 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔkaa sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahunu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.


Na Mikaia se: Enti montie AWURADE asɛm. Mehunuu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne nifa ne ne benkum.


N’asafo ano wɔ abuyɛ anaa? Na hwan na ne hann renhyerɛn ne soɔ?


AWURADE asafo nyinaa, monhyira no, n’asomfo a moyɛ deɛ ɛsɔ n’ani no.


Wisie tu firii ne hwenem, na ogya a ɛhye adeɛ firii n’anomu, nnyansramma dɛre firii ne mu.


Yɛn Nyankopɔn bɛba, na ɔrenyɛ komm. Ogya di n’anim rehye adeɛ, na ahum atu huu atwa ne ho ahyia.


Nyankopɔn ko teaseɛnam yɛ mpempem bubuanwea, AWURADE wɔ wɔn mu te sɛ Sinai kronkronbea no mu.


Hwɛ, AWURADE din firi akyirikyiri reba, n’abufuo redɛre, sɛ wisie kɛseɛ a ama ne ho so, abohuro ayɛ n’anomu ma, na ne tɛkyerɛma te sɛ ogya a ɛhye adeɛ.


Wɔfiri teteete na asiesie akyiwadeɛ hyeɛbea no, ɔhene no na wɔasiesie ama no, emu dɔ, ɛtrɛ, ne ntannaa wɔ ogya ne nnyentia pii, AWURADE home bɛsɔ ano sɛ sɔfe asubɔnten.


Ɛberɛ no mu na Mikael, ɔbɔfoɔ titire a ɔgyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina. Na ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ a ɛfirii sɛ ɔman baeɛ no bɛsi berɛ no soɔ ɛmmaa da, na ɛberɛ no mu na wɔbɛgye wo manfoɔ afiri mu, obiara a wɔbɛhunu sɛ wɔatwerɛ ne din nwoma no mu no.


kɔsii sɛ deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen no baeɛ, na wɔbuu ɔsorosoroni no ahotefoɔ no bem, na ɛberɛ a ɛsɛsɛ ahotefoɔ sɔ ahennie mu no durui.


Na wɔbɛtena ase abu atɛn, na wɔagye ne nsam tumi asɛe no ama no ayera akɔsi aseɛ.


Na mobɛdwanedwane akɔ me mmepɔ bonhwa mu, na mmepɔ bonhwa no bɛduru Asal tɔnn, na mobɛdwane sɛdeɛ modwanee asasewosoɔ no anim, Yudahene Usia berɛ soɔ no. Na AWURADE me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfoɔ nyinaa bɛka ne ho.


Na Onipa Ba no bɛba n’animuonyam mu a n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so.


AWURADE firi Sinai bae, na ɔpue firii Seir maa wɔn, ɔharan firii Paran bepɔ so; ɔfiri akronkronfoɔ ɔpedu no mu na ɛbaeɛ, ogya a ɛyɛ mmara ma wɔn wɔ ne nifa mu.


Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfoɔ a, wɔn a, wɔbɛyɛ nkwagyeɛ no adedifoɔ no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?


Na mmom moaba Sion bepɔ ne Onyankopɔn teasefoɔ kuro, ɔsoro Yerusalem ho, ne abɔfoɔ mpempem nhyiamu,


Yeinom ho na Henok nso a ɔtɔ Adam so nson hyɛɛ nkɔm de too hɔ sɛ: Hwɛ, Awurade ne n’ahotefoɔ mpempem reba


Na amanaman no bo afu, na w’abufuo ne awufoɔ berɛ no aduru sɛ wobɛbu atɛn, na woama wo nkoa, adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔsuro wo din, nketewa ne akɛseɛ no akatua, na woasɛe wɔn a wɔasɛe asase no.


Na mehwɛe, na metee abɔfoɔ bebree a wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ no ne mpanimfoɔ no ho kɔntɔnkrɔn nne, wɔn ano si mpempem ne mpem ahodoɔ mpem,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan