Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 7:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Babelhene Belsasar afe a ɛdi kan mu no, Daniel soo daeɛ bi na ɔhunuu ne tirim anisoadeɛ bi ne mpa so. Ɛnna ɔtwerɛɛ daeɛ no kaa nsɛm no mu ade titire.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene Belsasar adedi afe a edi kan wɔ Babilonia mu no, Daniel soo dae, nyaa anisoadehu ahorow, bere a ɔda ne mpa so no. Ɔkyerɛw dae no mu nsɛm titiriw too hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene Belsasar adedie afe a ɛdi ɛkan wɔ Babilonia mu no, Daniel soo daeɛ, hunuu anisoadehunu ahodoɔ ɛberɛ a ɔda ne mpa so no. Ɔtwerɛɛ daeɛ no mu nsɛm titire too hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Babel hene Belsasar afe a edi kan mu no, da bi a Daniel da ne mpa so no, ɔsoo dae huu anisoade bi; ɛnna ɔkyerɛw ɔdae no kaa nsɛm no mu ade titiriw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 7:1
34 Iomraidhean Croise  

Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii.


Na Onyankopɔn nam anadwo anisoadehunu mu ka kyerɛɛ Israel sɛ: Yakob, Yakob! Na ɔse: Menie.


Ɔdadwene a ɛfiri anadwo adehunu mu mu, berɛ a nnahɔɔ atɔ nnipa soɔ no,


Afei kɔ na kɔtwerɛ no ɛpono bi so ma wɔn, na kurukyire hyɛ nwoma mu, na ɛntena hɔ nyɛ adanseɛ nkɔsi daa daa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Fa twerɛpono kɛseɛ, na fa ɔdasani twerɛdua twerɛ so sɛ: Maher-salal-has-bas.


Odiyifoɔ a ɔso daeɛ no, ma no nka ne daeɛso, na deɛ m’asɛm wɔ ne hɔ no, ma no nka m’asɛm nokorɛ mu. Ɛdeɛn na ntɛtɛ ne ayuo wɔ yɛ? AWURADE asɛm nie.


Na amanaman nyinaa bɛsom no ne ne ba ne ne ba ba ara akɔsi sɛ ɔno nso n’asase berɛ bɛduro, na amanaman bebree ne ahemfo akɛseɛ ama no asom wɔn.


Ɛnna Yeremia faa mmobɔeɛ foforɔ de maa Neria ba Ɔtwerɛfoɔ Baruk, na ɔtwerɛɛ nwoma a Yudahene Yehoiakim de ogya hyeeɛ no mu nsɛm no nyinaa firi Yeremia anomu hyɛɛ mu, na wɔde nsɛm pii a ɛte sɛ ɛno nso kaa ho.


Ɛnna Yeremia frɛɛ Neria ba Baruk, na Baruk twerɛɛ AWURADE nsɛm a ɔka kyerɛɛ Yeremia no nyinaa firii n’anomu de hyɛɛ nwoma mmobɔeɛ no mu.


Na afe a ɛtɔ so aduasa, bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nnum no, berɛ a na mewɔ atukɔfoɔ no mu, Asuo Kebar ho no, ɔsoro bueeɛ, na mehunuu Nyankopɔn hɔ anisoadehunu.


Nyankopɔn anisoadehunu mu na ɔde me baa Israel asase soɔ, na ɔde me kɔgyinaa bepɔ a ɛkorɔn papaapa so, na ɛso te sɛ kuro bi a wɔakyekyere no anafoɔ fam.


Na mmerantewaa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nwoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne aniteɛ, na Daniel nyaa anisoadehunu ne daeɛ nyinaa mu nhunumu.


Na Nebukadnessar ahennie afe a ɛtɔ so mmienu no, ɔsosoo daeɛ bi, na ne honhom ho yeraa no, na n’ani soroe.


Ɔhene bisaa Daniel a ne din de Beltesasar sɛ: Wobɛtumi akyerɛ me daeɛ a mesoeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ?


Mehunuu wɔ m’anisoadeɛ wɔ me mpa soɔ no mu sɛ, ɔwɛmfoɔ kronkron bi firi soro durui.


na mesoo daeɛ bi a ɛyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehunu haa me.


Ɔhene Belsasar too n’aberempɔn a wɔyɛ nnipa apem ɛpono kɛseɛ, na wɔnomm nsa, wɔn anim.


Na wo, ne ba Belsasar, wonim yei nyinaa deɛ, nanso woammrɛ w’akoma ase;


Anadwo no ara na wɔkumm Kaldeafoɔ hene Belsasar.


Mehunuu anadwo anisoadehunu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro mununkum mu reba, na ɔduruu deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen no nkyɛn, na wɔmaa no pinkyɛɛ n’anim.


Me, Daniel, me honhom bɔmee wɔ me honam mu, na m’anisoadehunu no haa me.


Yei akyiri no, mede hwɛ ara anadwo adehunu mu, na hwɛ, aboa a ɔtɔ so nnan a ne ho yɛ hu ne nwanwa na ɔyɛ den boro soɔ nie. Ɔwɔ dadeɛ se akɛseɛ, na ɔdidi kekaa mu de ne nan pɛkyɛɛ nkaeɛ, na ɛsono no ne mmoa a wɔdii n’anim nyinaa, na ɔwɔ mmɛn du.


Ɔhene Belsasar ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii anisoadehunu bi kyerɛɛ me, Daniel, akane deɛ a wɔyi kyerɛɛ me no akyi.


Na yei akyiri no, mɛhwie me honhom agu honam nyinaa so, na mo mmabanin ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm, na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ, na mo mmeranteɛ ahuhunu anisoadeɛ,


Ampa ara, AWURADE Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifoɔ no ansa.


Na AWURADE buaa me sɛ: Twerɛ adehunu no, na kyerɛkyerɛ mu gu aboɔpono so, na wɔatumi akan no wɔ ahoɔherɛ so.


Na ɔkaa sɛ: Montie me nsɛm ɛ. Sɛ AWURADE diyifoɔ bi wɔ mo mu a, adehunu mu na mema no hu me, daeɛ mu na mekasa mekyerɛ no:


Na biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne twerɛ nsɛm no mu awerɛkyekyerɛ so nnya anidasoɔ.


Ahohoahoa ho hia; ɛwɔ mu sɛ ɛnyɛ mma hwee; nanso mɛka Awurade anisoadehunu ne adiyie ho asɛm.


Twerɛ deɛ wohunu, ne deɛ ɛwɔ hɔ, ne deɛ yei akyiri no ɛrebɛba:


Na aprannaa nson no kasaeɛ no, anka mereyɛ matwerɛ. Na metee sɛ ɛnne bi firi soro reka kyerɛ me sɛ: Sɔ deɛ aprannaa nson no aka no ano, na ntwerɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan