Daniel 6:8 - New Revised Asante Twi Bible8 Enti ɔhene, hyɛ ɛmom no den, na ma wɔnkurukyire atwerɛ a wɔrensakyera, sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnnane ani no teɛ no. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm8 Ɛno nti, Nana, kyerɛw na fa wo nsa hyɛ saa mmara yi ase, sɛnea Mediafo ne Persiafo mmara a wontumi nsesa no no te.” Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm8 Ɛno enti, Nana, twerɛ na fa wo nsa hyɛ saa mmara yi ase, sɛdeɛ Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara a wɔntumi nsesa no no teɛ.” Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON8 Enti, ɔhene, hyɛ ɛmom no den, na ma wonkurukyerɛw kyerɛw a wɔrensakra, sɛ Media ne Persia mmara a wɔnnan ani no te no. Faic an caibideil |
Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no atwerɛfoɔ bosome a ɛdi kan, da ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Haman hyɛeɛ nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofoɔ ne amantam no mmaako mmaako so ahwɛfoɔ ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛdeɛ ne ntwerɛeɛ teɛ, ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ. Wɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔɔ ano.