Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 6:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛnna mmarima no kaa sɛ: Yɛrennya Daniel yi ho asɛm biara, gye sɛ yɛhunu bi ne Nyankopɔn mmara ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na mmarima no kae se, “Yɛrennya Daniel yi ho asɛmmɔne biara gye sɛ yehu biribi a ɛfa ne nyamesom ho de sum no afiri.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛna mmarima no kaa sɛ, “Yɛrennya Daniel yi ho asɛmmɔne biara gye sɛ yɛhunu biribi a ɛfa ne nyamesom ho de asum no afidie.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Ɛnna mmarima no kae sɛ: Yɛrennya Daniel yi ho asɛm biara, gye sɛ yehu bi ne Nyankopɔn mmara ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 6:5
8 Iomraidhean Croise  

Na Haman ka kyerɛɛ Ɔhene Akas-weros sɛ: Ɔman baako bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete, na wɔate wɔn ho afiri amanaman mu, w’ahennie nsase nyinaa soɔ, na ɛsono wɔn mmara ne aman nyinaa deɛ, na ɔhene mmara no, wɔnni so, na ɛmfata ɔhene sɛ ɔbɛma wɔn kwan.


Ɔbɔnefoɔ tɛ ɔteneneeni, na ɔhwehwɛ sɛ ɔku no.


Na monhwehwɛ kuro a memaa wɔtuu mo kɔɔ hɔ no yiedie, na mommɔ AWURADE mpaeɛ mma no; na ne yiedie mu na mobɛdi yie.


Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Wotene kyɛne me, ɛfiri sɛ wode papa atua me ka, na me deɛ, mede bɔne matua wo ka.


Ɛnna Filistifoɔ asafohene no kaa sɛ: Na Hebrifoɔ yi ɛ? Na Akis ka kyerɛɛ Filistifoɔ asafohene no sɛ: Ɛnyɛ Dawid, Israelhene Saulo akoa a ɔne me atena nna sɛɛ anaa mfeɛ sɛɛ yi a menhunuu ne ho bɔne biara firi da a ɔwaeeɛ de bɛsi nnɛ no nie?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan