Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 6:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Ɔne deɛ ɔyie na ɔgyeɛ, na ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ɔsoro ne asase soɔ, ɔno na ɔyii Daniel firii agyata nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 “Ɔyɛ amanehunu mu gyefo na ogye nkwa nso; ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, wɔ ɔsoro ne asase so. “Ɔno na wagye Daniel afi gyata no nsam.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 “Ɔyɛ amanehunu mu gyefoɔ na ɔgye nkwa nso; ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, wɔ ɔsoro ne asase so. “Ɔno na wagye Daniel afiri agyata no nsam.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

27 Ɔne nea oyi na ogye, na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ɔsoro ne asase so, na ɔno na wayi Daniel afi agyata nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 6:27
23 Iomraidhean Croise  

Ɔyi ɔmanehunufoɔ n’amaneɛ mu, na ɔbue wɔn aso ahodwan no mu.


W’ahennie yɛ daa ahennie, na wo tumidie fa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


wagye me afiri m’atamfoɔ mu, aane, woama me so afiri wɔn a wɔsɔre tiaa me no mu, woagye me awerɛmfoɔ nsam.


sɛ wone deɛ ɔma ne hene nkwagyeɛ soɔ, na ɔyɛ deɛ wasra no no adɔeɛ, Dawid ne n’asefoɔ daa.


Wone me huntabea, wobɛbɔ me ho ban na me ho annwan me, na wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia.


AWURADE, wobɛhwɛ ara akɔsi da bɛn? Gye me kra firi wɔn sɛeɛ mu, m’ade korɔ firi agyata nsam!


Mo a modɔ AWURADE, monkyiri bɔne. Ɔhwɛ n’ahotefoɔ kra so, ɔbɛyi wɔn afiri abɔnefoɔ nsam.


Na AWURADE ne nokorɛ Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefoɔ ne daa Hene; n’abufuo nti asase woso, na amanaman ntumi n’abufuhyeɛ.


Na ahemfo no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahennie a wɔrensɛe no da, na wɔrennya n’ahennie mma ɔman foforɔ bi so, na ɛbɛbubu ahennie ahodoɔ no nyinaa ama no asa, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa.


Asɛm no da so wɔ ɔhene anomu no, ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wo, Ɔhene Nebukadnessar, wɔka kyerɛ wo sɛ: Ahennie no atu afiri wo nsam.


Na nna no akyiri no, me, Nebukadnessar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene sane ba maa me, na mehyiraa Ɔsorosoroni no, na mekamfoo deɛ ɔte ase daa no meyii no ayɛ, sɛ ne tumi yɛ daa tumi na n’ahennie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa soɔ;


na asase sotefoɔ nyinaa, wɔmmu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefoɔ yɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa atwene na waka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?


Na ɔbɛnee amena no ano no, ɔde awerɛhoɔ nne teaa mu frɛɛ Daniel. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: Daniel, Onyankopɔn teasefoɔ no akoa, wo Nyankopɔn a wosom no daa no atumi agye wo afiri agyata no anomu anaa?


Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhunu nsɛnkyerɛnneɛ ne nkonyaa a, morennye nni.


berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi.


na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne ahoɔdenneɛ ahodoɔ ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanseɛ bi.


Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku Filistini yi na wayi ahohora afiri Israel soɔ no? Na hwan mpo ne Filistini momonoto yi a ɔtwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa yi?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan