Daniel 6:25 - New Revised Asante Twi Bible25 Ɛnna Ɔhene Dario twerɛ kɔmaa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa a wɔtete asase soɔ no nyinaa sɛ: Ɛnsi mo yie mmoroso. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm25 Afei Ɔhene Dario de nkra yi kɔmaa nnipa ahorow nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara wɔ wiase mmaa nyinaa se: “Ensi mo yiye mmoroso! Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm25 Afei, Ɔhene Dario too nkra yi kɔmaa nnipa ahodoɔ nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara wɔ ewiase afanan nyinaa sɛ: “Ɛnsi mo yie mmoroso! Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON25 Ɛnna ɔhene Dario kyerɛw kɔmaa aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow a wɔtete asase nyinaa so no nyinaa sɛ: Ensi mo yiye mmoroso! Faic an caibideil |
Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no atwerɛfoɔ bosome a ɛdi kan, da ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Haman hyɛeɛ nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofoɔ ne amantam no mmaako mmaako so ahwɛfoɔ ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛdeɛ ne ntwerɛeɛ teɛ, ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ. Wɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔɔ ano.
Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ berɛ no mu, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne bosome Siwan no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Mordekai hyɛeɛ no nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne amradofoɔ akɛseɛ ne nketewa no, ne nsase no so mmapɔmma no, de firi India kɔsi Etiopia, nsase ahodoɔ ɔha aduonu nson, asase biara sɛdeɛ n’atwerɛ teɛ ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ, ne Yudafoɔ nso sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn kasa teɛ.