Daniel 6:24 - New Revised Asante Twi Bible24 Na ɔhene hyɛe maa wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn bɛguu agyata amena no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wɔnnya nnuruu amena no aseɛ no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm24 Afei ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔnkɔkyere mmarima a wɔnam ntwatoso so ma wɔde Daniel kɔtoo gyata amoa mu no. Ɔma wɔtow wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mma guu gyata amoa no mu. Gyata no huruhuruw sisii wɔn so, tetew wɔn, bobɔɔ wɔn nnompe mu ansa koraa na wɔredu amoa no ase. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm24 Afei, ɔhene no hyɛɛ sɛ, wɔnkɔkyere mmarima a wɔnam ntwatosoɔ so ma wɔde Daniel kɔtoo agyata amena mu no. Ɔmaa wɔtoo wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mma guu agyata amena no mu. Agyata no hurihuri sisii wɔn so, tetee wɔn, bobɔɔ wɔn nnompe mu ansa koraa na wɔreduru amena no ase. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON24 Na ɔhene kae ma wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn beguu agyata amoa no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wonnya nnuu amoa no ase no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu. Faic an caibideil |