Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 6:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Ɛnna ɔhene ka maa wɔkɔfaa Daniel baeɛ, na wɔtoo no twenee agyata amena no mu. Nso ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Wo Nyankopɔn a wosom no daa daa no, ɔno na ɔnnye woɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Ɔhene Dario hyɛe se, wɔnkɔfa Daniel, na wɔntow no nkyene gyata amoa no mu. Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Daniel, ma wo Nyankopɔn a wosom no daa no, nnye wo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɔhene Dario hyɛɛ sɛ, wɔnkɔfa Daniel, na wɔnto no ntwene agyata amena no mu. Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Daniel, wo Onyankopɔn a wosom no daa no, nnye wo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Ɛnna ɔhene kae ma wɔkɔfaa Daniel bae na wɔtow no kyenee agyata amoa mu. Nso ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Wo Nyankopɔn a wosom no daa yi no, ɔno na onnye wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 6:16
28 Iomraidhean Croise  

Na me deɛ, ɛnnɛ meyɛ mmerɛ, na wɔasra me asi me hene, na mmarima yi, Seruia mma yi yɛ den ma me. AWURADE ntua deɛ ɔyɛ bɔne so ka sɛdeɛ ne bɔne teɛ.


Ɔbɛyi wo afiri ahohiahia nsia mu, aane, na deɛ ɛtɔ so nson no mu, bɔne renka wo.


Onipa ho suro sum fidie, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no ho deɛ ɔbɛyɛ sɔnn.


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.


Sɛ woretwa nsuo a, me ne wo na ɛwɔ hɔ, na sɛ worefa nsubɔntene mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhye wo, na ogyaframa renhye wo.


Na me deɛ, hwɛ, mewɔ mo nsam, monyɛ me sɛdeɛ ɛyɛ na ɛtene mo ani soɔ.


Na Ɔhene Sedekia kaa sɛ: Hwɛ, ɔwɔ mo nsa mu, na ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo.


Ɛnna wɔfaa Yeremia too no twenee ɔhene ba Malkia abura a ɛwɔ awɛmfoɔ abannwa mu no mu, na wɔde ntampehoma gyagyaa no too mu. Nso na abura no mu nni nsuo, sɛ atɛkyɛ nko; na Yeremia kɔhyɛɛ atɛkyɛ no mu.


Nanso ɛda no, mɛyi wo, AWURADE asɛm nie, na wɔremfa wo nhyɛ mmarima a wosuro wɔn no nsa.


Afei deɛ, sɛ moasiesie mo ho sɛ berɛ a mobɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ a, ɛyɛ na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo bɛgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na onyame bɛn na ɔbɛyi mo afiri me nsam?


Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no bɛtumi ayi yɛn afiri ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na ɔbɛgye yɛn afiri wo, ɔhene, nsam.


Nebukadnessar kaa sɛ: Nhyira ne Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn a wasoma ne bɔfoɔ, na wabɛyi ne nkoa a wɔde wɔn ho too ne soɔ na wɔsakyeraa ɔhene asɛm na wɔde wɔn honam maeɛ, deɛ ɛbɛyɛ na wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara sɛ wɔn Nyankopɔn.


Na ɔbɛnee amena no ano no, ɔde awerɛhoɔ nne teaa mu frɛɛ Daniel. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: Daniel, Onyankopɔn teasefoɔ no akoa, wo Nyankopɔn a wosom no daa no atumi agye wo afiri agyata no anomu anaa?


Ahemman yi mu aberempɔn, mmakoma, amantam ahemfo, agyinatufoɔ ne amradofoɔ nyinaa atu agyina sɛ wɔde ɔhene mmara bɛbara na wɔahyɛ ɛmom mmaraden sɛ: Obiara a ɔbɛbisa onyame bi anaa onipa bi hɔ adeɛ biara adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amena mu.


Na mfirinhyia mmienu duruiɛ no, Porkio Festo bɛsii Felike ananmu; na Felike pɛɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ ani nti, ɔgyaa Paulo wɔ afiase hɔ.


Na sɛ medi fɔ anaasɛ mayɛ biribi a ɛsɛ owuo a, menhwehwɛ sɛ owuo no bɛpare me; na sɛ nnoɔma a wɔde rebɔ me kwaadu yi mu biara nyɛ nokorɛ a, obiara ntumi mfa me nhyɛ wɔn nsa. Ɛnneɛ mede asɛm no medane Kaesare.


Na Festo pɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ ani nti, ɔbisaa Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wokɔ Yerusalem, na wɔabu wo nnoɔma yi ho atɛn m’anim wɔ hɔ?


Na wɔn a wɔdi mpanin no ho nyɛ hu mma wɔn a wɔyɛ nnwuma pa, na mmom wɔn a wɔyɛ bɔne. Wompɛ sɛ wosuro tumi no anaa? Ɛnneɛ yɛ papa, na woanya wɔn hɔ ayeyie!


Deɛ ɔyii yɛn firii saa owuo kɛseɛ yi mu no bɛkɔ so ara ayi yɛn, na yɛn ani da no so sɛ ɔbɛyi yɛn bio.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan