Daniel 6:12 - New Revised Asante Twi Bible12 Ɛnna wɔtwe pinii bɛkaa ɔhene ɛmom no ho asɛm ɔhene anim sɛ: Woanhyɛ ɛmom sɛ onipa biara a ɔbɛbisa onyame anaa onipa biara hɔ adeɛ bi adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amena mu? Ɔhene buaa sɛ: Asɛm no atim sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnnane ani no teɛ. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm12 Enti wɔsan kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔkaee no ne mmara no se, “Nana, woamfa wo nsa anhyɛ mmara a ɛka se adaduasa a edi anim yi, obiara a ɔbɛbɔ obi mpae, onyame anaa onipa na ɛnyɛ Nana no, wɔde no bɛto gyata amoa mu no ana?” Ɔhene no buae se, “Yiw, saa mmara no wɔ hɔ; ɛyɛ Mediafo ne Persiafo mmara a, wɔrentumi nsesa no.” Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm12 Enti, wɔsane kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔkaee no ne mmara no sɛ, “Nana, woamfa wo nsa anhyɛ mmara a ɛka sɛ adaduasa a ɛdi animu yi, obiara a ɔbɛbɔ obi mpaeɛ, onyame anaa onipa na ɛnyɛ Nana no, wɔde no bɛto agyata amena mu no anaa?” Ɔhene no buaa sɛ, “Aane, saa mmara no wɔ hɔ; ɛyɛ Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara a wɔrentumi nsesa no.” Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON12 Ɛnna wotwiw bae bɛkaa ɔhene ɛmom no ho asɛm kyerɛɛ ɔhene sɛ: So, woanhyɛ ɛmom sɛ onipa biara a obebisa onyame anaa onipa biara hɔ ade bi adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amoa mu? Ɔhene buae sɛ: Asɛm no atim sɛ Media ne Persia mmara a wɔnnan ani no te. Faic an caibideil |