Daniel 5:7 - New Revised Asante Twi Bible7 Ɔhene no teaa mu denden sɛ wɔmfa pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ mmra. Ɔhene no bua see Babel anyansafoɔ no sɛ: Obiara a ɔbɛkenkan atwerɛ yi na wakyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no ɔtankɔkɔɔ, na sika atweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie yi mu tumi. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm7 Ɔhene no teɛɛ mu frɛɛ se wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo mmra nʼanim. Ɔka kyerɛɛ saa Babilonia anyansafo yi se, “Obiara a obetumi akenkan nkyerɛw yi, akyerɛ me ase no, wobefura no ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu. Ɔno na ɔbɛyɛ ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman yi mu.” Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm7 Ɔhene no teaam frɛɛ sɛ, wɔmfa pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ mmra nʼanim. Ɔka kyerɛɛ saa Babilonia anyansafoɔ yi sɛ, “Obiara a ɔbɛtumi akenkan atwerɛ yi, akyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no tam kɔkɔɔ a ɛyɛ adehyeɛ abasobɔdeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu. Ɔno na ɔbɛyɛ ɔman sodifoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ ahemman yi mu.” Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON7 Ɔhene no teɛɛm dennen sɛ wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo mmra; ɔhene no ka kyerɛɛ Babel anyansafo no sɛ: Obiara a ɔbɛkan kyerɛw yi na wakyerɛ me ase no, wobefura no ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika kɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni yi mu tumi. Faic an caibideil |