Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 5:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Dɔn no mu ara na onipa nsateaa firi ba bɛtwerɛɛ ahennan no fasuo akaadoo soɔ, kaneadua no anim, na ɔhene hunuu nsa a ɛtwerɛeɛ no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Amono mu hɔ no ara, wohui sɛ, onipa nsateaa rekyerɛw ɔhene ahemfi fasu no a ɛbɛn kaneadua no ho. Ɔhene no hwɛɛ nsa a ɛrekyerɛw no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Amonom hɔ no ara, wɔhunuu sɛ, onipa nsateaa retwerɛ ɔhene ahemfie ɔfasuo no a ɛbɛn kaneadua no ho. Ɔhene no hwɛɛ nsa a ɛretwerɛ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Dɔn no mu ara na onipa nsa so nsatea fi bae bɛkyerɛw ahennan no fasu no akado so, kaneadua no anim, na ɔhene huu nsa a ɛkyerɛwee no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 5:5
15 Iomraidhean Croise  

sɛ abɔnefoɔ ahurisidie nkyɛ, na nyaatwomfoɔ anigyeɛ yɛ berɛ tiaa bi?


Onipa a wɔka n’anim na ɔsene ne kɔn no, wɔbɛbu no mpofirim a ano nni aduro.


Babel hene te wɔn nka, na ne nsam ago; ahohiahia akye no, ne yea sɛ ɔbaa wofoɔ.


Asɛm no da so wɔ ɔhene anomu no, ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wo, Ɔhene Nebukadnessar, wɔka kyerɛ wo sɛ: Ahennie no atu afiri wo nsam.


Dɔn no mu ara na asɛm no baa mu Nebukadnessar ho, na wɔpamm no firii nnipa mu, na ɔwee ewira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam, de kɔsii sɛ ne nwi fuu sɛ ɔkɔdeɛ ntakra, na ne bɔwerɛ yɛɛ sɛ nnomaa deɛ.


Na afei wɔde anyansafoɔ ne pɛadeahunufoɔ aba m’anim, sɛ wɔmmɛkenkan atwerɛ yi na wɔnkyerɛ me aseɛ; nso wɔantumi ankyerɛ asɛm no ase.


Wɔnonnomm nsa na wɔkamfoo sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne ɔboɔ anyame no.


Ɛnna ɔhene anim daneeɛ, na n’adwene haa no, na n’asene mu nhoma hodwoe, na ne nkotodwe ka boboom biribiri.


Ɛnna ɔhene anyansafoɔ nyinaa baeɛ, nanso wɔantumi ankenkan atwerɛ no ankyerɛ ɔhene aseɛ.


na wapepa ahyɛdeɛ no mu atwerɛ a ɛtia yɛn no, na ɔde akɔbɔ asɛnnua ho de ayi afiri kwan mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan