Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 5:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Nsa no baa n’ani soɔ no, Belsasar kaa sɛ wɔmfa sika nnwinneɛ a n’agya Nebukadnessar akɔfa afiri asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu no mmra, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne ne yerenom ne ne mpenafoɔ nnom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Bere a nsa no ama Belsasar ani agye no, ɔhyɛe sɛ, wɔmfa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa a nʼagya Nebukadnessar tase fii Yerusalem asɔredan mu no mmra, sɛnea ɔne ne mpanyimfo, ne yerenom ne ne mpenanom bɛnom mu nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛberɛ a nsã no ama Belsasar ani agye no, ɔhyɛɛ sɛ, wɔmfa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa a nʼagya Nebukadnessar tase firii Yerusalem asɔredan mu no mmra, sɛdeɛ ɔne ne mpanimfoɔ, ne yerenom ne ne mpenafoɔ bɛnom mu nsã.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Nsa no baa ani so no, Belsasar kae sɛ: Wɔmfa sika ne dwetɛ nnwinne a n’agya Nebukadnesar akɔfa afi asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu no mmra, na ɔhene ne n’aberɛmpɔn ne ne yerenom ne ne mpenafo nnom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 5:2
23 Iomraidhean Croise  

Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na w’agya Yonatan nti mɛyɛ wo adɔeɛ, na mɛdane w’agya Saulo asase nyinaa mama wo, na woadidi me pono so daa daa.


Na ɔkɔfaa AWURADE fie akoradeɛ nyinaa ne ahemfie akoradeɛ firi hɔ kɔe, na ɔtwitwaa sika nnoɔma a Israelhene Salomo yɛɛ no AWURADE aban mu no ho sika, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Saa nsramma kukuwa ne nkoraa no, deɛ ɛyɛ sika no, sika, ne deɛ ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ na ankɔbeahene no fa kɔeɛ.


Na ɛno akyiri no, ɔwaree Absalom ba Maaka, na ɔwoo Abia ne Atai ne Sisa ne Selomit maa no.


Na Maaka a ɔyɛ Ɔhene Asa ne na nso, ɔtuu no firii ɔhemmaadie so, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ohoni maa Asera. Na Asa twaa ne honi no, bubuu no gɔsɔgɔsɔ, kɔhyee no Kidron subonhwa mu.


Na afe no duruiɛ no, Ɔhene Nebukadnessar soma maa wɔbɛfaa no ne AWURADE fie afɛfɛdeɛ nso kɔɔ Babel, na ɔde ne nua Sedekia sii Yuda ne Yerusalem so hene.


Na Nyankopɔn fie nnoɔma no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa, ne AWURADE fie akoradeɛ ne ɔhene no ne ne mmapɔmma akoradeɛ, ɔde ne nyinaa kɔɔ Babel.


Na Nyankopɔn fie sika ne dwetɛ nnwinneɛ a Nebukadnessar fa firii asɔredan a ɛwɔ Babel no mu no nso, Ɔhene Kores fa de firii Babel asɔredan no mu, na ɔde hyɛɛ obi a wɔfrɛ no Sesbasar a ɔhyɛɛ no amrado no nsa,


Na amanaman nyinaa bɛsom no ne ne ba ne ne ba ba ara akɔsi sɛ ɔno nso n’asase berɛ bɛduro, na amanaman bebree ne ahemfo akɛseɛ ama no asom wɔn.


Afena wɔ Kaldeafoɔ so, AWURADE asɛm nie, ne Babelfoɔ so, ne wɔn mmapɔmma ne wɔn anyansafoɔ so.


na nyaawa ne nsramma kukuwa, ne nkoraa ne nsenaa ne kanea nnua ne nyowaa ne nkuruwa no, deɛ ɛyɛ sika no sika ne deɛ ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ, ankɔbeahene no fa kɔe.


Na AWURADE de Yudahene Yehoiakim ne Nyankopɔn fie nnoɔma no bi hyɛɛ ne nsa, na ɔsoa de kɔɔ n’anyame fie wɔ Sinar asase so; na ɔde nnwinneɛ no kɔɔ ne nyame adekoradan mu.


Ɔbarima bi wɔ w’ahennie mu a anyame kronkron honhom wɔ ne mu, na w’agya berɛ so no, wɔhunuu ne mu aniteɛ ne nimdeɛ ne nyansa sɛ anyame nyansa, na w’agya, Ɔhene Nebukadnessar, de no sii nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ so panin.


ɛnna wɔde Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: Wone Daniel no a wofiri Yuda atukɔfoɔ a m’agya ɔhene de wɔn firii Yuda baeɛ no mu no?


Wo, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahennie, kɛseyɛ, anidie ne animuonyam maa w’agya Nebukadnessar,


na woama wo ho so atia ɔsoro wura, na wɔde ne fie nnwinneɛ aba w’anim, na wo ne w’aberempɔn, wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne aboɔ anyame a wɔnhunu na wɔnteɛ na wɔnnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no deɛ, woanni no ni.


Ɛnna wɔde sika ne dwetɛ nnwinneɛ a wɔkɔfa firii Nyankopɔn asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no mu no baeɛ, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne yerenom ne ne mpenafoɔ nom mu.


Anadwo no ara na wɔkumm Kaldeafoɔ hene Belsasar.


Wɔnonnomm nsa na wɔkamfoo sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne ɔboɔ anyame no.


N’ayɛyɛdeɛ ne dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan