Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 5:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa ho popoe, na wɔsuroo n’anim; deɛ ɔpɛ no, ɔkumm no, na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no tenaa ase; na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no so, na deɛ ɔpɛ no, ɔbrɛɛ no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔyɛɛ no kɛse ara kosii sɛ, nnipa ahorow nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara du nʼanim a, wɔn ho popo biribiribiri. Okunkum wɔn a ɔpɛ sɛ okunkum wɔn, na ogyaa wɔn a ɔpɛ sɛ ogyaa wɔn. Ɔhyɛɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no anuonyam, na wɔn a ɔpɛ sɛ ɔbrɛ wɔn ase no, ɔbrɛɛ wɔn ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔyɛɛ no kɛse ara kɔsii sɛ, nnipa ahodoɔ nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara duru nʼanim a, wɔn ho popo biribiribiri. Ɔkunkumm wɔn a ɔpɛ sɛ ɔkunkum wɔn, ɛnna ɔgyaee wɔn a ɔpɛ sɛ ɔgyaa wɔn. Ɔhyɛɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no animuonyam, ɛnna wɔn a ɔpɛ sɛ ɔbrɛ wɔn ase no, ɔbrɛɛ wɔn ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa ho popoe, na wosuroo n’anim; nea ɔpɛ no, okum no, na nea ɔpɛ no, ɔma ɔtena ase; na nea ɔpɛ no, ɔma no so, na nea ɔpɛ no, ɔbrɛ no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 5:19
22 Iomraidhean Croise  

na ɔne no kasaa kasa pa, na ɔmaa n’adwa so maa no kyɛnee ahemfo a wɔne no wɔ Babel no adwa,


Ɔhene anibereɛ yɛ owuo abɔfoɔ, na ɔba nyansafoɔ pata no.


firi n’anim kɔ; sɛ asɛm no nyɛ dɛ a, ntwentwɛn wo nan ase,


mede no hyɛɛ amanaman tumfoɔ no nsa; die na ɔne no diiɛ, n’abɔnefosɛm nti na metuu no.


Na anafoɔ hene asafo yuu no bɛsɔre, na n’akoma ama ne ho so, na ɔbɛka mpem du du agu fam, nanso ɔrenni nim nkyɛre.


Na deɛ ɔba ne soɔ no bɛyɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛgyina n’anim; na ɔbɛgyina asase fɛfɛ no so, na ɔde ne nsa asɛe no.


Na ɔhene dɔmmarima bi bɛsɔre, na ɔde tumi kɛseɛ bɛdi hene, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ.


Na ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so adi onyame biara so akokurokosɛm, na ɔbɛka anwanwasɛm atia anyame mu Nyame no, na ɛbɛsi no yie akɔsi sɛ wɔbɛda abufuo no adi awie; na deɛ wɔahyɛ no pintinn no, wɔbɛyɛ.


Ne saa nti, mehyɛ mmara sɛ ɔman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa mu biara a ɔka Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn ho abususɛm no, wɔbɛtwitwa no asinasini, na wɔama ne fie adane amamfo, ɛfiri sɛ onyame biara nni hɔ a ɔbɛtumi agye onipa seyie.


Na ɛsɛn bi teaa mu denden sɛ: Mo, nkurɔfoɔ, aman ne kasa ahodoɔ, wɔka kyerɛ mo sɛ:


Na deɛ ɔrenhwe ase nsɔre no, dɔn no ara mu wɔde no bɛto ogya a ɛrefranam fononoo mu.


Awɛmfoɔ kronkron yi agyina so na asɛm yi nam, na akronkronfoɔ asɛm so na adeɛ yi sie, deɛ ɛbɛyɛ na ateasefoɔ ahunu sɛ: Deɛ ɔwɔ ɔsorosoro na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu ahobrɛasefoɔ si soɔ.


Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwirii no kakra ara sann, na n’adwene haa no. Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Beltesasar, mma daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ nnha wo. Beltesasar kaa sɛ: Me wura, anka ma daeɛ no mfa wɔn a wɔkyiri woɔ ho, na ne nkyerɛaseɛ mfa w’atamfo ho.


ɛne wo, ɔhene a woso na woyɛ den na wo kɛseyɛ dɔɔso kɔduru soro na wo tumidie duru asase ano no.


Na bio nso, Kaldeafoɔ te sɛ nsabofoɔ. Na wɔyɛ nnipa ahokyerɛfoɔ a wɔn bo nnwo da; wɔatrɛ wɔn kra akɔnnɔ mu sɛ Asamando, na wɔte sɛ owuo a ɔmmeeɛ, wɔfa amanaman nnommum ba wɔn nkyɛn na wɔfom aman nyinaa fa.


Yesu buaa sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka wonni me so tumi biara; yei nti deɛ ɔyii me maa woɔ no na ne bɔne so.


Momma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ ɔman mu mpanimfoɔ tumi no ase. Na tumi biara nni hɔ gye deɛ ɛfiri Onyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ.


Na wɔtoo dwom foforɔ sɛ: Wofata sɛ wogye nwoma no na wobue ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔaku wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afiri mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfoɔ ne aman nyinaa mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan