Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 5:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Ɛno na Daniel bua see ɔhene sɛ: Ma w’ayɛyɛdeɛ ntena wo hɔ, na fa w’adekyɛdeɛ ma obi foforɔ, nanso mɛkenkan atwerɛ no makyerɛ ɔhene, na mama no ahunu ne nkyerɛaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Daniel buaa ɔhene no se, “Nana, mesrɛ, ma wʼakyɛde no ntena hɔ na fa wʼabasobɔde no ma obi foforo. Nanso, Nana, mɛkenkan nkyerɛw no, na makyerɛ wo ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Daniel buaa ɔhene no sɛ, “Nana, mesrɛ, ma wʼakyɛdeɛ no ntena hɔ na fa wʼabasobɔdeɛ no ma obi foforɔ. Nanso, Nana, mɛkenkan atwerɛ no, na makyerɛ wo aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Ɛnna Daniel bua kae ɔhene anim sɛ: Ma w’ayɛyɛde ntena wo hɔ, na fa w’adekyɛde ma obi foforo, nanso mɛkan kyerɛw no makyerɛ ɔhene, na mama wahu ne nkyerɛase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 5:17
8 Iomraidhean Croise  

sɛ ɛfiri asaawa so de kɔsi mpaboa homa soɔ, meremfa biribiara a ɛyɛ wo deɛ, na woanka sɛ: Me na mama Abram anya ne ho;


Na Elisa ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Kɔ w’agya adiyifoɔ ne wo na adiyifoɔ no nkyɛn! Na Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, na AWURADE afrɛ ahemfo baasa yi ahyia sɛ ɔde wɔn rekɔhyɛ Moab nsa.


Na ɔse: Sɛ AWURADE a megyina n’anim te aseɛ yi, merennye hwee. Na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnnye, nanso wampene.


Na ɔbisaa no sɛ: M’akoma ne wo ankɔ berɛ a ɔbarima no danee ne ho firii ne teaseɛnam mu bɛhyiaa woɔ no anaa? Berɛ a wɔgye dwetɛ na wɔgye ntadeɛ ne ngo nnua ne bobe nturo ne nnwan ne anantwie ne nkoa ne mfenaa nie?


Na mɛka w’adanseɛ ho asɛm ahemfo anim, na m’ani renwu.


Na sɛ mokyerɛ me daeɛ no ne n’ase a, mobɛnya me hɔ akyɛdeɛ, ayɛyɛdeɛ ne anidie kɛseɛ. Enti monkyerɛ me daeɛ no ne n’ase.


Ɛnna Belsasar ka maa wɔfiraa Daniel ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika atweaban guu ne kɔn mu, na wɔpaee ne ho asɛm sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie mu tumi.


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ne wo sika nyinaa nyera, ɛfiri sɛ woasusu sɛ wɔde sika na ɛnya Nyankopɔn akyɛdeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan