Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Beltesasar, nkonyaayifoɔ panin, sɛ menim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu na ahuntasɛm biara nyɛ wo den nti, ka me daeɛ mu adehunu a mehunuiɛ ne ne nkyerɛaseɛ kyerɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Meka kyerɛɛ no se, Beltesasar, nkonyaayifo panyin, minim sɛ, anyame kronkron no honhom wɔ wo mu, ɛno nti, ɛnyɛ wo den sɛ wobɛkyerɛ ahintasɛm biara ase. Afei, me dae no ni, kyerɛ me ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Meka kyerɛɛ no sɛ, “Beltesasar, nkonyaayifoɔ panin, menim sɛ, anyame kronkron no sunsum wɔ wo mu, ɛno enti, ɛnnyɛ wo den sɛ wobɛkyerɛ ahintasɛm biara ase. Afei, me daeɛ no ni, kyerɛ me aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Beltesasar, kurukyerɛwfo panyin, sɛ minim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu na ahintasɛm biara nyɛ wo den nti, ka me dae mu adehu a mihui ne ne nkyerɛase kyerɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:9
18 Iomraidhean Croise  

Na Farao ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Yɛbɛtumi anya onipa bi a ɔte sɛ oyi a Nyankopɔn honhom wɔ ne mu yi anaa?


W’akoma bɛdwene ahudeɛ no ho: Deɛ ɔrekan no wɔ he? Deɛ ɔrekari no wɔ he? Deɛ na ɔkan abantenten no wɔ he?


Tenenee mu na w’ase bɛtim; wo ne nhyɛsoɔ ntam bɛtwe, na worensuro, na wo ne ahudeɛ nso ntam bɛtwe, na ɛremmɛn wo.


Israel bepɔ sorɔnsorɔn so na mɛdua no, na ɛbɛyiyi mman aso aba, na ayɛ tweneduro kunini, na nnomaa nyinaa, ntakraboa nyinaa abɛsisi aseɛ; ne mman nwunu mu na wɔbɛsisie.


Hwɛ, woyɛ onyansafoɔ sene Daniel anaa, ahuntasɛm biara anhunta wo,


Na nyansa ne nhunumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, ɔhunuu wɔn sɛ wɔkyɛne nkonyaayifoɔ ne pɛadeahunufoɔ a wɔwɔ n’ahennie mu no nyinaa mprɛdu.


Ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Ampa ara, mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyame ne ahemfo wura ne deɛ ɔyi ahuntasɛm adie, sɛ woatumi ayi saa ahuntasɛm yi adie.


Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛseɛ, na ɔmaa no ayɛyɛdeɛ akɛseɛ bebree, na ɔmaa no dii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafoɔ nyinaa so mpanimfoɔ mu titire.


Daeɛ yi na me, Ɔhene Nebukadnessar, mehunuiɛ. Na afei wo, Beltesasar, ka ne nkyerɛaseɛ, ɛfiri sɛ m’ahennie mu anyansafoɔ nyinaa ntumi nkyerɛ me aseɛ, na wo deɛ, ɛsiane sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu nti, wobɛtumi.


na mesoo daeɛ bi a ɛyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehunu haa me.


Na akyire yi no, Daniel a wɔfrɛ no Beltesasar, sɛ me nyame no din teɛ no, na anyame kronkron honhom wɔ ne mu no baa m’anim, na meyii daeɛ no kyerɛɛ no:


Ɔbarima bi wɔ w’ahennie mu a anyame kronkron honhom wɔ ne mu, na w’agya berɛ so no, wɔhunuu ne mu aniteɛ ne nimdeɛ ne nyansa sɛ anyame nyansa, na w’agya, Ɔhene Nebukadnessar, de no sii nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ so panin.


Buei, yɛnnue! Hwan na ɔbɛyi yɛn afiri anyame atumfoɔ yi nsam? Yeinom ne anyame a wɔde haw nyinaa haa Misraim ɛserɛ so no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan