Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Ɛnna nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ baeɛ, na meyii daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Bere a nkonyaayifo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo no bae no, mekaa dae no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛberɛ a nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ no baeɛ no, mekaa daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Ɛnna kurukyerɛwfo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo bae, na mekaa ɔdae no mekyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:7
16 Iomraidhean Croise  

Na mmɛtem ntraantraa no memenee mmɛtem nson a ɛyɛ no. Na maka makyerɛ atwerɛfoɔ no, nso obiara antumi ankyerɛ me aseɛ.


Na anɔpa no ne ho dwanee no, na ɔsoma maa wɔkɔfrɛfrɛɛ Misraim atwerɛfoɔ nyinaa ne ɛhɔ anyansafoɔ nyinaa, na Farao kaa ne daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ no aseɛ.


Mahunu ɔbɔnefoɔ a ɔdi tumi, na ɔdennane sɛ dua frɔmm a anya asiyɛ,


deɛ ɔma adebisafoɔ nsɛnkyerɛnneɛ yɛ ɔkwa, na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ; deɛ ɔma anyansafoɔ sane akyire, na ɔdane wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm;


Hwɛ, Asiria te sɛ Lebanon so tweneduro, ne mman fɛfɛ, n’ahahan kusuu a ɛma enwunu, na ɛkorɔn sorɔnsorɔn a ne ntɛntɛnoa wɔ mununkum ntam.


mmerantewaa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani ateɛ, nyansa nyinaa mu, na wɔnim de na wɔwɔ nhunumu, na wɔbɛtumi asom wɔ ɔhene ahemfie, na ɔnkyerɛ wɔn mma wɔnsua Kaldeafoɔ nwoma ne kasa.


Kaldeafoɔ no buaa ɔhene sɛ: Onipa biara nni asase so a ɔbɛtumi akyerɛ ɔhene asɛm yi, na ɔhenkɛseɛ ne owura ne otumfoɔ biara mmisaa nkonyaayifoɔ, pɛadeahununi ne Kaldeani biara hɔ asɛm a ɛte sɛɛ pɛn.


Daniel buaa ɔhene sɛ: Ahuntasɛm a ɔhene rebisa no, anyansafoɔ, pɛadeahunufoɔ, nkonyaayifoɔ nyankonnekyerɛfoɔ rentumi nkyerɛ ɔhene;


Wɔbuaa no ne mprenu so sɛ: Ma ɔhene nka daeɛ no nkyerɛ ne nkoa, na yɛnkyerɛ aseɛ.


Saa berɛ no ara mu Kaldeafoɔ bi kɔtoatoaa Yudafoɔ no;


Daeɛ yi na me, Ɔhene Nebukadnessar, mehunuiɛ. Na afei wo, Beltesasar, ka ne nkyerɛaseɛ, ɛfiri sɛ m’ahennie mu anyansafoɔ nyinaa ntumi nkyerɛ me aseɛ, na wo deɛ, ɛsiane sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu nti, wobɛtumi.


Ɔhene no teaa mu denden sɛ wɔmfa pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ mmra. Ɔhene no bua see Babel anyansafoɔ no sɛ: Obiara a ɔbɛkenkan atwerɛ yi na wakyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no ɔtankɔkɔɔ, na sika atweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie yi mu tumi.


Ɛnna ɔhene anyansafoɔ nyinaa baeɛ, nanso wɔantumi ankenkan atwerɛ no ankyerɛ ɔhene aseɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan