Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:37 - New Revised Asante Twi Bible

37 Afei me, Nebukadnessar, mekamfo ɔsoro hene mema no so meyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛɛ nyinaa yɛ nokorɛ, na n’akwan yɛ atɛntenenee, na wɔn a wɔnam ahantan soɔ no, ɔtumi brɛ wɔn ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

37 Afei me Nebukadnessar, mekamfo ma no so, hyɛ ɔsorohene anuonyam, de nidi ma no. Ne nneyɛe nyinaa yɛ pɛ, na ɛyɛ nokware, na obetumi abrɛ ahantanfo ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

37 Afei, me Nebukadnessar, mekamfo ma no so, hyɛ ɔsorohene animuonyam, de anidie ma no. Ne nneyɛeɛ nyinaa yɛ pɛ, na ɛyɛ nokorɛ, na ɔbɛtumi abrɛ ahantanfoɔ ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

37 Afei me, Nebukadnesar, mekamfo ɔsoro hene mema no so miyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛe nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee, na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:37
31 Iomraidhean Croise  

Na ne mpaebɔ ne sɛ wɔtiee no no, ne ne bɔne ne mmarato nyinaa, ne faako a ɔtotoo sorɔnsorɔmmea, na ɔsisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔrebrɛ ne ho aseɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no adehunufoɔ nsɛm mu.


Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: Ka wo ho kɔfa atadeɛ ne ɔpɔnkɔ no, sɛdeɛ woaka no, na yɛ saa ma Yudani Mordekai a ɔte ɔhene ponkɛseɛ mu no. Nnya deɛ woaka no nyinaa mu biara.


AWURADE, mahunu sɛ w’atemmuo yɛ tenenee, na wode nokorɛdie abrɛ me ase.


Ɔhene tumfoɔ a wodɔ atemmuo, wo na wobu atɛntenenee, Yakob mu atemmuo ne tenenee, wo na wobuo.


Afei na mahunu sɛ AWURADE yɛ kɛseɛ sene anyame nyinaa, ɛfiri sɛ ɔyii ɔman no firii Misraim nsam, berɛ a wɔredi wɔn so ahantansɛm.


Na wo ne wo manfoɔ ne wo nkoa nyinaa so na mponkyerɛne no bɛforo aba.


Asafo AWURADE abɔ ne tirim, sɛ ɔbɛgu ahantan nyinaa animuonyam ho fi, na wahura asase so animuonyamfoɔ nyinaa ho.


na asafo AWURADE, deɛ wɔma no so wɔ atɛntenenee mu, na Kronkron Nyankopɔn ate ne ho, tenenee mu.


Momfrɛ agyantofoɔ nkɔtoa Babel, wɔn a wɔkuntunu tadua mu nyinaa, monkyere ne ho nsraban nhyia. Mommma obiara mmfiri mu mmfi. Monsusu ne nneyɛɛ so nsi no ananmu, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no nyinaa, monyɛ no saa ara, ɛfiri sɛ wayɛ AWURADE, Israel Kronkronni no so ahantansɛm.


Na wo nuabaa Sodom anyɛ w’anomu asɛnka, w’ahantan nna no mu,


deɛ ɛbɛyɛ na woakaeɛ, na w’ani awuo, na w’aniwuo nti woammue w’ano bio, sɛ makata deɛ woyɛeɛ no nyinaa so mama woɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na sɛdeɛ wɔkaa sɛ wɔnnya dua no dunsini no, sɛ wonya hunu sɛ ɔsoro na ɛdi tumi no a, w’ahennie bɛgyina ama wo.


Sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ si soso fa! na n’anwanwadeɛ sɛdeɛ ɛsi yɛ den fa! n’ahennie yɛ daa ahennie, na ne tumi wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.


Na nna no akyiri no, me, Nebukadnessar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene sane ba maa me, na mehyiraa Ɔsorosoroni no, na mekamfoo deɛ ɔte ase daa no meyii no ayɛ, sɛ ne tumi yɛ daa tumi na n’ahennie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa soɔ;


Wɔnonnomm nsa na wɔkamfoo sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne ɔboɔ anyame no.


Saa berɛ no ara mu Yesu kaa sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa.


Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, ɔno ara a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, ɔnte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu,


Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ tenenee; ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu; ɔteneneeni ne teefoɔ ne no.


Na wɔto Nyankopɔn akoa Mose dwom ne Adwammaa no dwom sɛ: Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa. Amanaman hene, w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.


Na metee sɛ ɛnne bi firi afɔrebukyia no mu a ɛse: Aane, Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, w’atemmuo yɛ nokorɛ ne tenenee.


Monnkasa ahantan kasa bebree saa, mommma asɛm denden mmfiri mo anomu, na AWURADE ne Onyankopɔn a ɔhunu adeɛ nyinaa, na ɔno na ɔkari nneyɛɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan