Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:36 - New Revised Asante Twi Bible

36 Ɛberɛ no mu ara na m’adwene sane baa me mu, na deɛ ɛbɛyɛ na m’ahennie agye din bio nti, m’animuonyam ne me haran sane baa me so, na m’agyinatufoɔ ne m’aberempɔn bɛpɛɛ me, na wɔde me sii m’ahennie so bio, na wɔde tumi a ɛsene kane deɛ no maa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 Bere a mʼani baa me ho so no, bere koro no mu ara na me nidi ne me kɛseyɛ a ɛhyɛ me man no anuonyam no bae. Mʼafotufo ne mʼabirɛmpɔn hwehwɛɛ me, na wɔsan de me sii mʼahenni so bio, na mʼanuonyam bɛyɛɛ kɛse kyɛn kan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 Ɛberɛ a mʼani baa me ho so no, berɛ korɔ no mu ara na me anidie ne me kɛseyɛ a ɛhyɛ me ɔman no animuonyam no baeɛ. Mʼafotufoɔ ne mʼaberempɔn hwehwɛɛ me, na wɔsane de me sii mʼahennie so bio, na mʼanimuonyam bɛyɛɛ kɛse kyɛnee kane no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

36 Ɛbere no mu ara na m’adwene san baa me mu, na nea ɛbɛyɛ na m’ahenni agye din bio nti, m’anuonyam ne me haran san baa me so, na m’agyinatufo ne m’aberɛmpɔn bɛpɛɛ me, na wɔde me sii m’ahenni so bio, na wɔde tumi a ɛsen kan de no maa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:36
11 Iomraidhean Croise  

Mo kasammebuo yɛ nso mmebusɛm, mo anoyie yɛ dɔteɛ anoyie.


Deɛ ɛdi ahobrɛaseɛ ne AWURADE suro akyire ne ahonyadeɛ ne animuonyam ne nkwa.


Wo, ɔhene, wohwɛe, na hwɛ, na ohoni kɛseɛ bi nie: Ohoni no so, na ɛhran hyɛnn; ɛgyinaa w’anim na ɛho yɛ hu.


ɛne wo, ɔhene a woso na woyɛ den na wo kɛseyɛ dɔɔso kɔduru soro na wo tumidie duru asase ano no.


Na wɔbɛpamo wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa akɔtena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie na mfeɛ nson atwa wo tiri so, de akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma deɛ ɔpɛ no.


Na nna no akyiri no, me, Nebukadnessar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene sane ba maa me, na mehyiraa Ɔsorosoroni no, na mekamfoo deɛ ɔte ase daa no meyii no ayɛ, sɛ ne tumi yɛ daa tumi na n’ahennie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa soɔ;


Na monhwehwɛ Nyankopɔn ahennie ne ne tenenee kane; na wɔde yeinom nyinaa bɛka mo ho.


Na yɛn seesei amanehunu a ɛyɛ hare yi resiesie daa animuonyam a ɛso kokuroo tra so pii ama yɛn,


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka nie: Mekae ampa sɛ: Wo fie ne w’agya fie nnante m’anim daa; nanso afei, deɛ AWURADE seɛ nie: Ɛmpare me koraa; na wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni, na wɔn a wɔbu me animtia no bɛbɔ ahohora.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan