Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:33 - New Revised Asante Twi Bible

33 Dɔn no mu ara na asɛm no baa mu Nebukadnessar ho, na wɔpamm no firii nnipa mu, na ɔwee ewira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam, de kɔsii sɛ ne nwi fuu sɛ ɔkɔdeɛ ntakra, na ne bɔwerɛ yɛɛ sɛ nnomaa deɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

33 Amono mu hɔ ara nkɔmhyɛ no baa mu. Wɔpam Nebukadnessar fii nnipa mu. Ɔwee sare te sɛ nantwi, na ɔsoro bosu fɔw no fɔkyee. Ɔtenaa saa tebea no mu kosii sɛ, ne tinwi yɛɛ atenten te sɛ ɔkɔre ntakra, na nʼawerɛw yɛɛ sɛ anomaa awerɛw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

33 Amonom hɔ ara nkɔmhyɛ no baa mu. Wɔpamoo Nebukadnessar firii nnipa mu. Ɔwee ɛserɛ te sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ no kyaww. Ɔtenaa saa tebea no mu kɔsii sɛ, ne tirinwi yɛɛ atentene te sɛ ɔkɔdeɛ ntakra, na nʼabɔwerɛ yɛɛ sɛ anomaa bɔwerɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

33 Dɔn no mu ara na asɛm no baa mu Nebukadnesar ho, na wɔpam no fii nnipa mu, na odii wura sɛ anantwi, na ɔsoro bosu fɔw ne honam, de kosii sɛ ne nwi fuwii sɛ ɔkɔre ntakra, na n’awerɛw yɛe sɛ nnomaa de.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:33
7 Iomraidhean Croise  

sɛ abɔnefoɔ ahurisidie nkyɛ, na nyaatwomfoɔ anigyeɛ yɛ berɛ tiaa bi?


Na me bobɔ te sɛ ɔnwomfoɔ ahina a wɔdwerɛ no dwerɛbee a ebi nka na wɔnnya n’asinasini mu kyɛmferɛ a wɔde bɛtu bukyia mu gya anaasɛ wɔde bɛsa abura mu nsuo.


Wɔbɛtu wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa atena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo afɔ wo, na mfeɛ nson atwa wo tiri so, akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no di nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.


Na wɔbɛpamo wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa akɔtena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie na mfeɛ nson atwa wo tiri so, de akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma deɛ ɔpɛ no.


na wɔpamm no firii nnipa mma mu, na n’akoma yɛɛ sɛ mmoa deɛ, na ɔne ɛserɛ so mfunumu tenae, wɔmaa no wee wira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam, kɔsii sɛ ɔhunuu sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde obiara a ɔpɛ si so.


Dɔn no mu ara na onipa nsateaa firi ba bɛtwerɛɛ ahennan no fasuo akaadoo soɔ, kaneadua no anim, na ɔhene hunuu nsa a ɛtwerɛeɛ no ano.


Ɛfiri sɛ mo ara monim yie, sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifoɔ ba anadwo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan