Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:31 - New Revised Asante Twi Bible

31 Asɛm no da so wɔ ɔhene anomu no, ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wo, Ɔhene Nebukadnessar, wɔka kyerɛ wo sɛ: Ahennie no atu afiri wo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

31 Bere a ogu so reka saa nsɛm no, nne bi fi ɔsoro bae se, “Wo, Ɔhene Nebukadnessar, nea wɔahyɛ ato hɔ ama wo ni: Wɔagye wʼahenni tumi no afi wo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

31 Ɛberɛ a ɔgu so reka saa nsɛm no, nne bi firi soro baa sɛ, “Wo, Ɔhene Nebukadnessar, wɔka kyerɛɛ wo sɛ wonnyɛ ɔhene wɔ ahemman yi so bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

31 Ansa na asɛm no befi ɔhene anom no, ɛnne bi fi soro bae sɛ: Wo ɔhene Nebukadnesar, wɔka kyerɛ wo sɛ: Ahenni no atu afi wo nsam;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:31
25 Iomraidhean Croise  

Na Salem hene Melkisedek de paanoo ne bobesa brɛɛ no; na ɔyɛ ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfoɔ.


Ɔbɛma n’abufuhyeɛ aba ne so ama no de ahyɛ n’afuru ma, na ɔbɛma no atɔ agu ne so de ayɛ n’aduane.


W’ahennie yɛ daa ahennie, na wo tumidie fa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu ahobrɛaseɛni nsa bɛka animuonyam.


Na asafo AWURADE abɔ ne tirim, hwan na ɔbɛma no ayɛ ɔkwa? Na ne nsa atene, hwan na ɔbɛsianka no?


Na metee onipa a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no soɔ no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa deɛ ɔte ase daa no ho ntam sɛ ɛnkɔduru berɛ, mfeɛ mmiɛnsa ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wɔbɛwie yeinom nyinaa.


Ɔhene, nkyerɛaseɛ no nie, na ɔsorosoroni asotwe a ɛbɛba me wura ɔhene soɔ nie:


Na sɛdeɛ wɔkaa sɛ wɔnnya dua no dunsini no, sɛ wonya hunu sɛ ɔsoro na ɛdi tumi no a, w’ahennie bɛgyina ama wo.


ɔhene no kaa sɛ: Ɛnyɛ Babel kɛseɛ a makyekyere mayɛ ahennie gyinabea, me tumi denyɛ so na m’animuonyam agye no ni anaa?


Na wɔbɛpamo wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa akɔtena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie na mfeɛ nson atwa wo tiri so, de akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma deɛ ɔpɛ no.


Na nna no akyiri no, me, Nebukadnessar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene sane ba maa me, na mehyiraa Ɔsorosoroni no, na mekamfoo deɛ ɔte ase daa no meyii no ayɛ, sɛ ne tumi yɛ daa tumi na n’ahennie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa soɔ;


Na n’adwene maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den ahantan mu no, wɔtuu no firii n’ahennwa no so, na wɔyii n’animuonyam firii ne ho;


PERES, wɔakyɛ w’ahennie mu de ama Mediafoɔ ne Persiafoɔ.


Ɔne deɛ ɔyie na ɔgyeɛ, na ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ɔsoro ne asase soɔ, ɔno na ɔyii Daniel firii agyata nsam.


Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkwasea, anadwo yi wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam; na nnoɔma a wɔasiesie no bɛyɛ hwan dea?


Agya, hyɛ wo din animuonyam! Ɛnna ɛnne bi firi soro baeɛ: Mahyɛ no animuonyam dada, na mɛhyɛ no bio.


Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.


Na metee sɛ ɛnne bi firi afɔrebukyia no mu a ɛse: Aane, Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, w’atemmuo yɛ nokorɛ ne tenenee.


Na afei w’ahennie rennyina. AWURADE bɛhwehwɛ n’akoma so barima afa, na AWURADE asi ne man so hene, ɛfiri sɛ woanni deɛ AWURADE hyɛɛ woɔ no so.


Na atuateɛ te sɛ woakɔ abisa, na asoɔden te sɛ amumuyɛ ne ahonisom. Ɛsiane sɛ woapo AWURADE asɛm nti, ɔno nso apo wo afiri ahennie no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan