Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ si soso fa! na n’anwanwadeɛ sɛdeɛ ɛsi yɛ den fa! n’ahennie yɛ daa ahennie, na ne tumi wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Hwɛ sɛnea ne nsɛnkyerɛnne yɛ kɛse fa! Na hwɛ sɛnea tumi a ɛwɔ nʼanwonwade no mu so fa! Nʼahenni yɛ daa ahenni; ne tumi teɛ kɔ awo ntoatoaso nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Hwɛ sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ kɛseɛ fa! Na hwɛ sɛdeɛ tumi a ɛwɔ nʼanwanwadeɛ no mu so fa! Nʼahennie yɛ daa ahennie; ne tumi tene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ne nsɛnkyerɛnne sosoe dɛn ara! Na n’anwonwade yɛ den dɛn ara! N’ahenni yɛ daa ahenni, na ne tumi wɔ awo ntoatoaso nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:3
29 Iomraidhean Croise  

Tumidie ne ehu wɔ Onyankopɔn hɔ; ɔno na ɔma ɔmannwoeɛ ba wɔ ne sorɔnsorɔmmea hɔ.


AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si dɔɔso fa, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔdeɛ ahyɛ asase so ma.


Wɔyii ne nsɛnkyerɛnneɛ sii wɔn mu, ne anwanwadeɛ, Ham asase so.


W’ahennie yɛ daa ahennie, na wo tumidie fa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Deɛ ɔde ne tumi di hene daa no, ɔwɔ amanaman ho ani. Mma mansotwefoɔ mmma wɔn ho so.


Nhyira ne AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn a ɔno nko yɛ anwanwadeɛ,


Wo kwan faa ɛpo mu, na wo tempɔn nsuo pii mu, na wɔanhunu w’anammɔn.


Na woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwadeɛ, wo nkutoo ne Onyankopɔn.


AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si soso fa, w’adwene mu dɔ pii.


AWURADE, me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so na makamfo wo din sɛ woayɛ anwanwadeɛ; tete nteredee agyinatuo atim ayɛ nokorɛ.


Yei nso, asafo AWURADE nkyɛn na ɛfire; n’agyinatuo yɛ nwanwa na ne nyansa nni ano.


Na n’ahennie mu bɛtrɛ, na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ aba, Dawid ahennwa so ne n’ahennie so, na ɔde atemmuo ne tenenee awowa no ma atim firi sɛsɛɛ de akɔsi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei.


Na AWURADE ne nokorɛ Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefoɔ ne daa Hene; n’abufuo nti asase woso, na amanaman ntumi n’abufuhyeɛ.


Ɛnna ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfrɛ nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene daeɛ no. Na wɔba bɛgyinaa ɔhene anim.


Na ahemfo no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahennie a wɔrensɛe no da, na wɔrennya n’ahennie mma ɔman foforɔ bi so, na ɛbɛbubu ahennie ahodoɔ no nyinaa ama no asa, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa.


Awɛmfoɔ kronkron yi agyina so na asɛm yi nam, na akronkronfoɔ asɛm so na adeɛ yi sie, deɛ ɛbɛyɛ na ateasefoɔ ahunu sɛ: Deɛ ɔwɔ ɔsorosoro na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu ahobrɛasefoɔ si soɔ.


Na ɔno na wɔde tumi ne animuonyam ne ahennie maa no maa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahennie yɛ deɛ ɛrensɛe da.


Na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahennie ne tumi ne kɛseyɛ bɛma Ɔsorosoroni akronkronfoɔ man; n’ahennie yɛ daa ahennie, na tumi nyinaa bɛsom no na atie no.


O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Wɔrenhunu n’atemmuo mu peepee, na wɔrenhunu n’akwan akyiri hwehwɛ nwie da.


Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ pɛn sɛ ɔbɛkɔ akɔyi ɔman bi afiri ɔman bi mu afa wɔ sɔhwɛ ahodoɔ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne akodie ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene ne ahodwirideɛ akɛseɛ mu, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?


Nanso mmerɛ santen hene, Onyankopɔn koro a ɔte ase daa a wɔnhu no no, anidie ne animuonyam nka no, mmerɛ santen mfesanten. Amen!


na ɔba no ho deɛ, ɔse: Onyankopɔn, w’ahennwa wɔ hɔ daapem daapem, w’ahennie poma yɛ poma a ɛtene.


na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne ahoɔdenneɛ ahodoɔ ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanseɛ bi.


Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Nyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ma no nsom sɛ ɛfiri ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na animuonyam ne tumi wɔ no daa daa. Amen.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto. Na ɛnne akɛseɛ gyegyegyegyee soro sɛ: Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan