Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Wɔbɛtu wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa atena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo afɔ wo, na mfeɛ nson atwa wo tiri so, akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no di nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa bɛtena wuram. Wobɛwe sare te sɛ nantwi, na ɔsoro bosu afɔw wo fɔkyee. Mfe ason betwa wo ti so akosi sɛ, wubehu sɛ, Ɔsorosoroni no na odi wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Wɔbɛpam wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa bɛtena wiram. Wobɛwe ɛserɛ te sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo bɛfɔ wo kyaww. Mfeɛ nson bɛtwa wo tiri so akɔsi sɛ, wobɛhunu sɛ, Ɔsorosoroni no na ɔdi ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Wobetu wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa atena, na wɔama woawe wura sɛ anantwi, na ɔsoro bosu afɔw wo, na mmere nson atwa wo ti so, akosi sɛ wubehu sɛ ɔsorosoroni no di nnipa ne ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:25
15 Iomraidhean Croise  

AWURADE de n’adwa asi soro, na n’ahennie di ade nyinaa so.


Na wɔsakyeraa wɔn animuonyam yɛɛ no nantwie a ɔwe wira nsɛso.


na mmom Onyankopɔn na ɔbu atɛn, ɔbɛbrɛ oyi ase, na wama oyi so.


na wɔnhunu sɛ wo a wo din de AWURADE no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.


Me na mede me tumi kɛseɛ ne me basa a atene meyɛɛ asase, nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase ani, na mede mema obiara sɛdeɛ ɛtene wɔ m’ani soɔ.


ɔno na ɔsakyera berɛ ne nna; ɔtu ahene, na ɔsi ahene, ɔma anyansafoɔ nyansa, na ɔde nimdeɛ ma wɔn a wɔwɔ nhunumu;


Wo, ɔhene, woyɛ ahene mu hene a ɔsoro Nyankopɔn de ahennie, tumi, ahoɔden ne animuonyam ama woɔ,


Ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Ampa ara, mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyame ne ahemfo wura ne deɛ ɔyi ahuntasɛm adie, sɛ woatumi ayi saa ahuntasɛm yi adie.


N’adwene nsakyera na anyɛ onipa deɛ bio, na wɔmma no aboa adwene na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.


Awɛmfoɔ kronkron yi agyina so na asɛm yi nam, na akronkronfoɔ asɛm so na adeɛ yi sie, deɛ ɛbɛyɛ na ateasefoɔ ahunu sɛ: Deɛ ɔwɔ ɔsorosoro na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu ahobrɛasefoɔ si soɔ.


Nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ me no, ayɛ me fɛ sɛ mɛka makyerɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan