Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Ɔhene, nkyerɛaseɛ no nie, na ɔsorosoroni asotwe a ɛbɛba me wura ɔhene soɔ nie:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 “Dae no nkyerɛase ni, Nana, atɛn a Ɔsorosoroni no abu atia wo no ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 “Daeɛ no asekyerɛ nie, Nana, atɛn a Ɔsorosoroni no abu atia wo no nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Ɔhene, nkyerɛase no ni, na ɔsorosoroni hyɛbea a ɛbɛba me wura ɔhene so ni:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:24
14 Iomraidhean Croise  

Yei ne onipa ɔbɔnefoɔ kyɛfa a ɛfiri Nyankopɔn nkyɛn, ne n’agyapadeɛ a Onyankopɔn ahyɛ ama no no.


Ɔde animtiabuo gu mmapɔmma so, na ɔma wɔkyini asase fo a ɔkwan nni hɔ so.


na ɔde wɔn tintim hɔ daa daa, wahyɛ ahyɛdeɛ a obi ntra.


Na mɛka no deɛ AWURADE ahyɛ no. AWURADE ase me sɛ: Me ba ne wo, ɛnnɛ na mawo woɔ.


Wɔde adɔeɛ ne nokorɛ kata amumuyɛ so, na wɔde AWURADE suro kwati bɔne.


Adɔeɛ ne nokorɛ hwɛ ɔhene so, na adɔeɛ so na n’adwa tim.


Asafo AWURADE abɔ ne tirim, sɛ ɔbɛgu ahantan nyinaa animuonyam ho fi, na wahura asase so animuonyamfoɔ nyinaa ho.


Awɛmfoɔ kronkron yi agyina so na asɛm yi nam, na akronkronfoɔ asɛm so na adeɛ yi sie, deɛ ɛbɛyɛ na ateasefoɔ ahunu sɛ: Deɛ ɔwɔ ɔsorosoro na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu ahobrɛasefoɔ si soɔ.


Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwirii no kakra ara sann, na n’adwene haa no. Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Beltesasar, mma daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ nnha wo. Beltesasar kaa sɛ: Me wura, anka ma daeɛ no mfa wɔn a wɔkyiri woɔ ho, na ne nkyerɛaseɛ mfa w’atamfo ho.


Nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ me no, ayɛ me fɛ sɛ mɛka makyerɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan