Daniel 4:23 - New Revised Asante Twi Bible23 Na sɛ ɔhene hunuu ɔwɛmfoɔ kronkron bi sɛ ɔfiri ɔsoro duru bɛkaa sɛ: Mommu dua no nsɛe no, nanso monnya ne dunsini asase mu, dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ mu, petee so wira mu, na ɔsoro bosuo mfɔ no, na ɔne wiram mmoa nnidi nkɔsi sɛ mfeɛ nson bɛtwa ne tiri soɔ: Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm23 “Afei, Nana, wuhuu ɔbɔfo kronkron a ofi ɔsoro reba fam, na ɔreka se, ‘Twa dua no to fam na sɛe no. Nanso, gyaw dunsin no ne ne ntin a dade ne kɔbere akyekyere, na sare atwa ho ahyia no. Afei ma ɔsoro bosu mfɔw no fɔkyee, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wuram. Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa de. Na mfe ason ntwa ne ti so.’ Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm23 “Afei, Nana, wohunuu ɔbɔfoɔ kronkron a ɔfiri soro reba fam, na ɔreka sɛ, ‘Twa dua no to fam na sɛe no. Nanso, gya dunsini no ne ne nhini a dadeɛ ne kɔbere akyekyere, na ɛserɛ atwa ho ahyia no. Afei, ma ɔsoro bosuo mfɔ no kyaww, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wiram. Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa deɛ. Na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.’ Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON23 Na sɛ ɔhene huu ɔwɛmfo kronkron bi sɛ ofi soro durui bɛkae sɛ: Montow dua no nsɛe no, nanso munnyaw ne dunsin asase mu, dade ne kɔbere mpokyerɛ mu, petee so wura mu, na ɔsoro bosu mfɔw no, na ɔne wuram mmoa nnidi nkosi sɛ mmere nsɔn betwa ne ti so: Faic an caibideil |