Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwirii no kakra ara sann, na n’adwene haa no. Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Beltesasar, mma daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ nnha wo. Beltesasar kaa sɛ: Me wura, anka ma daeɛ no mfa wɔn a wɔkyiri woɔ ho, na ne nkyerɛaseɛ mfa w’atamfo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Daniel (a wɔsan frɛ no Beltesasar no) tee dae no, ɔyɛɛ basaa kakra; ne ho dwiriw no na nʼadwene mu haw no. Nti, ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Beltesasar, mma dae no ne ne nkyerɛase mmɔ wo hu.” Beltesasar buae se, “Eyi de, Nana, anka dae no ne ne nkyerɛase no ɛmpare wo na ɛnkɔ wʼatamfo so!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Daniel (a wɔsane frɛ no Beltesasar no) tee daeɛ no, ɔyɛɛ basaa kakra; ne ho dwirii no na nʼadwene mu haa no. Nti, ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Beltesasar, mma daeɛ no ne nʼasekyerɛ mmɔ wo hu.” Beltesasar buaa sɛ, “Yei deɛ, Nana, anka daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ no ɛmpare wo na ɛnkɔ wʼatamfoɔ so!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwiriw no kakra ara gyenn, na n’adwene haw no. Ɔhene kae sɛ: Beltesasar, mma ɔdae no ne ne nkyerɛase nnhaw wo. Beltesasar buae sɛ: Me wura, anka ma ɔdae no mfa wɔn a wokyi wo ho na ne nkyerɛase mfa w’atamfo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:19
27 Iomraidhean Croise  

Na ɔka kyerɛɛ n’agya sɛ: Mma no nnyɛ me wura abufuo sɛ mentumi mensɔre wɔ w’anim, ɛfiri sɛ mabu me nsa. Na ɔpɛe pɛe pɛe, nanso wanhunu ahoni no.


Ka kyerɛ no sɛ: W’akoa Yakob dea; ɛyɛ ayɛyɛdeɛ a wasoma de rebrɛ me wura Esau; na hwɛ, ɔno nso wɔ yɛn akyi.


Na Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Ne nkyerɛaseɛ nie: Nkorabata mmiɛnsa no yɛ nnansa.


Na Obadia wɔ ɔkwan no soɔ no, hwɛ, Elia ne no bɛhyiae, na ɔhunuu no, na ɔde n’anim butuu fam kaa sɛ: Me wura Elia nie?


Na afei, sɛ wode wɔn bɔne no bɛkyɛ a! Na sɛ ɛnte saa a, pepa me nso firi wo nwoma a woatwerɛ no mu ɛ!


Na monhwehwɛ kuro a memaa wɔtuu mo kɔɔ hɔ no yiedie, na mommɔ AWURADE mpaeɛ mma no; na ne yiedie mu na mobɛdi yie.


Me yam hyehye me, me yam hyehye me! Merebrɛ yea mu! O m’akoma afasuo mu! M’akoma pere me, mentumi memmua m’ano. Ɛfiri sɛ mete totorobɛntohyɛn, ɔko mu sebɔ.


na asomfoɔ panin no totoo wɔn din. Ɔtoo Daniel din sɛ Beltesasar, na ɔtoo Hanania din sɛ Sadrak, na ɔtoo Misael din sɛ Mesak, na ɔtoo Asaria din sɛ Abed-Nego.


Ɔhene bisaa Daniel a ne din de Beltesasar sɛ: Wobɛtumi akyerɛ me daeɛ a mesoeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ?


Wo, ɔhene, woyɛ ahene mu hene a ɔsoro Nyankopɔn de ahennie, tumi, ahoɔden ne animuonyam ama woɔ,


Ɔhene, nkyerɛaseɛ no nie, na ɔsorosoroni asotwe a ɛbɛba me wura ɔhene soɔ nie:


W’agya hunuu wɔ saa Daniel a ɔhene too no din Beltesasar no mu honhom a ɛkyɛne soɔ ne adwempa ne nimdeɛ a ɔde kyerɛ daeɛ aseɛ kyerɛ nsɛm a emu nna hɔ sane apɔ mu; enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel, na ɔmmɛkyerɛ aseɛ,


Wo, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahennie, kɛseyɛ, anidie ne animuonyam maa w’agya Nebukadnessar,


na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa ho popoe, na wɔsuroo n’anim; deɛ ɔpɛ no, ɔkumm no, na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no tenaa ase; na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no so, na deɛ ɔpɛ no, ɔbrɛɛ no ase.


Me, Daniel, me honhom bɔmee wɔ me honam mu, na m’anisoadehunu no haa me.


Ɛha na nsɛm no ase asie. Na me, Daniel deɛ, m’adwene haa me pii, na m’anim sakyerae, na mede asɛm no mesiee m’akoma mu.


Na me, Daniel, meyɛɛ siamoo, na meyaree nna bi, ansa na meresɔre mayɛ ɔhene adwuma, na adehunu no yɛɛ me ahodwiri, na obiara ante aseɛ.


Mmepɔ hu wo a wɔhinhim; nsuo a ɛtue reba; ebunu donkodonko ma ne nne so, ɛma ne nsa so kɔ soro;


Na Hana buaa sɛ: Dabi, me wura, meyɛ ɔbaa werɛhoni; na bobesa ne nsa biara deɛ, mennom bi, na mahwie me kra magu AWURADE anim;


Na ɛno akyiri no, Dawid nso sɔre firii ɔbodan no mu firii adi, na ɔhyɛɛ Saulo mmɔn sɛ: Me wura, ɔhene! Na Saulo hwɛɛ n’akyiri no, Dawid bɔɔ ne tiri ase na ɔkotoe;


Na Dawid ka kyerɛɛ Abner sɛ: Wonyɛ ɔbarima anaa? Na hwan na ɔte sɛ woɔ wɔ Israel mu? Na adɛn nti na woanwɛn wo wura ɔhene? Na ɛdɔm no mu bi baa sɛ anka ɔrebɛkum wo wura ɔhene.


Na ɔkaa sɛ: Asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ woɔ no? Nsi me asɛm no so. Sɛ wosi me asɛm a ɔka kyerɛɛ woɔ no nyinaa bi so a, Onyankopɔn ntua wo ka, na ɔmfa bi nka ho!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan