Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 N’adwene nsakyera na anyɛ onipa deɛ bio, na wɔmma no aboa adwene na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa de. Na mfe ason ntwa ne ti so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa deɛ. Na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Ma n’adwene nsakra, na anyɛ onipa de bio, na wɔmma no aboa koma na mmere nson ntwa ne ti so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:16
13 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene bisaa Kusni no sɛ: Aberanteɛ Absalom ho yɛ anaa? Na Kusni no se: Ma me wura ɔhene atamfoɔ ne wɔn a wɔsɔre tia woɔ pɛ wo bɔne no nyinaa nyɛ sɛ aberanteɛ no!


Ma ɔman yi akoma mpirim, na wɔn aso mu nyɛ duru, na ka wɔn ani femfam so, na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔn akoma anhunu mu, na wɔansakyera, na wɔansa wɔn yadeɛ.


Na atifi fam hene no bɛsane de asafo yuu a ɛso sene kane deɛ no abɛgyina hɔ, na mfeɛ bi akyiri no, ɔde dɔm kɛseɛ ne ade pii bɛba anafoɔ hene so.


Na metee onipa a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no soɔ no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa deɛ ɔte ase daa no ho ntam sɛ ɛnkɔduru berɛ, mfeɛ mmiɛnsa ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wɔbɛwie yeinom nyinaa.


Na sɛ ɔhene hunuu ɔwɛmfoɔ kronkron bi sɛ ɔfiri ɔsoro duru bɛkaa sɛ: Mommu dua no nsɛe no, nanso monnya ne dunsini asase mu, dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ mu, petee so wira mu, na ɔsoro bosuo mfɔ no, na ɔne wiram mmoa nnidi nkɔsi sɛ mfeɛ nson bɛtwa ne tiri soɔ:


Wɔbɛtu wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa atena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo afɔ wo, na mfeɛ nson atwa wo tiri so, akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no di nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.


Na ɔbɛkeka nsɛm atia deɛ ɔwɔ Ɔsorosoro no, na ɔbɛha ɔsorosoroni no akronkronfoɔ, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdane mmerɛ ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, mfeɛ mmiɛnsa ne fa.


Ɛha na nsɛm no ase asie. Na me, Daniel deɛ, m’adwene haa me pii, na m’anim sakyerae, na mede asɛm no mesiee m’akoma mu.


Yeinom bɛsɛe, nanso wo deɛ, wowɔ hɔ ara, na ne nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ,


Na wɔmaa ɔbaa no ɔkɔdeɛ kɛseɛ no ntaban mmienu sɛ ɔmfa ntu nkɔ ɛserɛ so wɔ ne tenaberɛ, deɛ wɔbɛhwɛ no ɛberɛ ne mmerɛ ne berɛ fa afiri ɔwɔ no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan