Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Ɔteaa mu denden na ɔkaa sɛ: Mommu dua no ntwitwa ne mman. Mompore n’ahahan mpansam n’aba; mmoa nnwane mfiri aseɛ, na nnomaa mfiri ne mman so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Ɔbɔfo no teɛɛ mu se, ‘Twa dua no to fam na twitwa ne mman no nyinaa. Porow ne nhaban no, na tow nʼaba no pete. Pam mmoa no fi ne nwini ase, na pam wim nnomaa no fi ne mman so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ɔbɔfoɔ no teaam sɛ, ‘Twa dua no to fam na twitwa ne mman no nyinaa. Poro ne nhahan no, na to nʼaba no pete. Pam mmoa no firi ne nwunu ase, na pam ewiem nnomaa no firi ne mman so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 ɔteɛɛm dennen na ɔkae sɛ: Montow dua no ntwitwa n’abaa; momporow n’ahaban mpansam n’aba; mmoa nguan mfi ase, na nnomaa mfi n’abaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:14
19 Iomraidhean Croise  

Ɔyafunu a ɛwoo no no werɛ firi no, mmoaa fefe no. Wɔnkae no koraa bio, na wɔbɛbubu amumuyɛ sɛ dua.


Me na mede me tumi kɛseɛ ne me basa a atene meyɛɛ asase, nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase ani, na mede mema obiara sɛdeɛ ɛtene wɔ m’ani soɔ.


Monnwane mfiri Babel mu, na mommema mo kra mfiri mu mfi, na monnnwerɛ wɔ n’amumuyɛ mu, na AWURADE aweretɔ berɛ nie, ɔretua no ne nneyɛɛ so ka.


Anka yɛresa Babel yadeɛ, nanso ansa. Monnya no mma yɛnkɔ yɛn nsase so, na n’atemmuo akɔduru ɔsoro, na wɔama so de akɔduru wiem tɔnn.


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ ɛwaree ne korɔn mu na ɔyii ne ntɛntɛnoa kɔɔ mununkum mu, na n’akoma huhuruiɛ n’ahantan mu nti,


ɔno na ɔsakyera berɛ ne nna; ɔtu ahene, na ɔsi ahene, ɔma anyansafoɔ nyansa, na ɔde nimdeɛ ma wɔn a wɔwɔ nhunumu;


Na ɛsɛn bi teaa mu denden sɛ: Mo, nkurɔfoɔ, aman ne kasa ahodoɔ, wɔka kyerɛ mo sɛ:


ɛso ahahan yɛ fɛ, na ɛso aba dɔɔso, na aduane wɔ mu ma nnipa nyinaa, wiram mmoa tete ne nwunu ase, na ewiem nnomaa sisi ne mman so, na abɔdeɛ nyinaa didi ho.


Na sɛ ɔhene hunuu ɔwɛmfoɔ kronkron bi sɛ ɔfiri ɔsoro duru bɛkaa sɛ: Mommu dua no nsɛe no, nanso monnya ne dunsini asase mu, dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ mu, petee so wira mu, na ɔsoro bosuo mfɔ no, na ɔne wiram mmoa nnidi nkɔsi sɛ mfeɛ nson bɛtwa ne tiri soɔ:


Abosome dummienu wiee duro no, da bi na ɔnenam Babel ahennie aban so;


Na n’adwene maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den ahantan mu no, wɔtuu no firii n’ahennwa no so, na wɔyii n’animuonyam firii ne ho;


na wɔpamm no firii nnipa mma mu, na n’akoma yɛɛ sɛ mmoa deɛ, na ɔne ɛserɛ so mfunumu tenae, wɔmaa no wee wira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam, kɔsii sɛ ɔhunuu sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde obiara a ɔpɛ si so.


Nanso wɔde akuma no ato nnua no nhini ho dada; enti dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa ato ogya mu.


Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa, na wɔde gu gya mu.


Nanso wɔde akuma no ato nnua nhini no ho dada sɛ dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa ato ogya mu.


Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛdeɛ gyata bobɔ mu. Na ɔteaa mu no, aprannaa nson no de wɔn nne kasae.


Na ɔde nne a emu yɛ den teaa mu sɛ: Wahwe ase, Babel kɛseɛ no ahwe ase, na adane ahonhommɔne tenaberɛ ne ahonhom fi nyinaa atɛeɛ ne nnomaa a wɔyɛ fi na wɔkyiri wɔn nyinaa atɛeɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan