Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ɔhene Nebukadnessar de yei kɔmaa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa a wɔte asase nyinaa soɔ: Ɛnsi mo yie mmoroso!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene Nebukadnessar, de saa nkra yi kɔmaa nnipa ne aman ne kasa ahorow a ɛwɔ wiase se: Ensi mo yiye mmoroso!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene Nebukadnessar, too saa nkra yi kɔmaa nnipa ne aman ne kasa ahodoɔ a ɛwɔ ewiase sɛ: Ɛnsi mo yie mmoroso!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ɔhene Nebukadnesar de eyi kɔma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa a wɔte asase nyinaa so: Ensi mo yiye mmoroso!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:1
16 Iomraidhean Croise  

Ɛnna honhom kaa Amasai, aduasa no mu otitire, na ɔkaa sɛ: Yɛyɛ wo dea, O Dawid; na yɛwɔ w’afa, O Yisai ba! Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka wo, na asomdwoeɛ nka w’aboafoɔ, ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn boa wo. Ɛnna Dawid gyee wɔn; na ɔde wɔn sisii n’asafo so atitire.


Ɔhene no soma maa wɔde mmuaeɛ brɛɛ mpanimma mu panin Rehum ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ nkaeɛ a wɔtete Samaria ne Asuogya hafoɔ nkaeɛ sɛ: Asomdwoeɛ.


Nwoma no wɔsoma maa wɔde kɔmaa no, na sɛdeɛ wɔtwerɛɛ no emu nie: Ɔhene Dario, asomdwoeɛ ara nko.


Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no atwerɛfoɔ bosome a ɛdi kan, da ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Haman hyɛeɛ nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofoɔ ne amantam no mmaako mmaako so ahwɛfoɔ ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛdeɛ ne ntwerɛeɛ teɛ, ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ. Wɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔɔ ano.


Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ berɛ no mu, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne bosome Siwan no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Mordekai hyɛeɛ no nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne amradofoɔ akɛseɛ ne nketewa no, ne nsase no so mmapɔmma no, de firi India kɔsi Etiopia, nsase ahodoɔ ɔha aduonu nson, asase biara sɛdeɛ n’atwerɛ teɛ ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ, ne Yudafoɔ nso sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn kasa teɛ.


Ne saa nti, mehyɛ mmara sɛ ɔman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa mu biara a ɔka Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn ho abususɛm no, wɔbɛtwitwa no asinasini, na wɔama ne fie adane amamfo, ɛfiri sɛ onyame biara nni hɔ a ɔbɛtumi agye onipa seyie.


Na ɛsɛn bi teaa mu denden sɛ: Mo, nkurɔfoɔ, aman ne kasa ahodoɔ, wɔka kyerɛ mo sɛ:


Ɛnna Ɔhene Dario twerɛ kɔmaa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa a wɔtete asase soɔ no nyinaa sɛ: Ɛnsi mo yie mmoroso.


Ɔne deɛ ɔyie na ɔgyeɛ, na ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ɔsoro ne asase soɔ, ɔno na ɔyii Daniel firii agyata nsam.


Na ɔno na wɔde tumi ne animuonyam ne ahennie maa no maa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahennie yɛ deɛ ɛrensɛe da.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nna no mu na mmarima du a wɔfiri amanaman kasa nyinaa mu bɛsosɔ Yudani baako atadeɛ mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛteɛ.


Na wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, nnipa pii bɛhyiae, na wɔn adwene mu yɛɛ wɔn keserenee sɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa.


Me Paulo, metwerɛ de kɔma Nyankopɔn adɔfoɔ a wɔwɔ Roma nyinaa, a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo.


Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.


de kɔma Timoteo a ɔyɛ me gyidie mu ɔba nokorɛ mu: Adom, mmɔborɔhunu, ne asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.


sɛdeɛ Agya Nyankopɔn nim a ɔnim dada no teɛ no, wɔ honhom ahoteɛ mu, de kɔ asoɔmmerɛ ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoeɛ mmorosoɔ nka mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan