Daniel 3:7 - New Revised Asante Twi Bible7 Saa nti berɛ a wɔtee abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa no gyegyeɛ ara pɛ no, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ no nyinaa hwehwee ase sɔree sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm7 Enti bere a wɔtee abɛn, odurugya sanku, sankuten, sanku, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei no, nnipa no nyinaa ne aman ahorow ne wɔn a wɔka kasa ahorow nyinaa kotow fam, sɔree ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm7 Enti, ɛberɛ a wɔtee abɛn, odurugya sankuo, sankuba sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ no, nnipa no nyinaa ne aman ahodoɔ ne wɔn a wɔka kasa ahodoɔ nyinaa kotoo fam, sɔree ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON7 Ne saa nti aman no nyinaa tee abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa no nnyigyei ara pɛ, aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow no nyinaa hwehwee ase sɔree sika honi a ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no. Faic an caibideil |