Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na deɛ ɔrenhwe ase nsɔre no, dɔn no ara mu wɔde no bɛto ogya a ɛrefranam fononoo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Obiara a wankotow fam ansɔre ohoni no dɔn no ara mu no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛw wɔ mu framfram mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Obiara a wankoto fam ansɔre ohoni no dɔn no ara mu no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛre wɔ mu framfram mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na nea ɔrenhwe ase nsɔre no, dɔn no ara mu wɔde no bɛto ogya a ɛrefram fononoo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:6
20 Iomraidhean Croise  

Na ɔdanee n’ani kyerɛɛ Sodom ne Gomora ne kanko no asase nyinaa, na ɔhwɛe, na hwɛ, asase no so wisie foroo sɛ fononoo mu wisie.


Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ,


Na nkaeɛ no, ɔde yɛ onyame, ne ohoni. Ɔkoto no sɔre no bɔ no mpaeɛ, na ɔse: Gye me, me nyame ne wo!


Na wɔmfa wɔn nyɛ nnome, Yuda atukɔfoɔ a wɔwɔ Babel no nyinaa anomu sɛ: AWURADE nyɛ wo sɛ Sedekia ne Ahab a Babel hene de ogya hyee wɔn no,


Ɔhene bua see Kaldeafoɔ no sɛ: Deɛ maka no ara na maka: Sɛ moankyerɛ me daeɛ no ne n’ase a, wɔbɛtwitwa mo mu asinasini, na wɔadane mo afie sumina.


na deɛ wanhwe ase ansɔre no, wɔde no bɛto ogya a ɛrefranam fononoo mu:


Afei deɛ, sɛ moasiesie mo ho sɛ berɛ a mobɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ a, ɛyɛ na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo bɛgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na onyame bɛn na ɔbɛyi mo afiri me nsam?


Ɛnna wɔkyekyeree mmarima yi, wɔn ntwontwo, togase, wɔn ntadeɛ ne wɔn mmotire ne wɔn ntoma mu, na wɔtoo wɔn guu ogya a ɛrefranam no mu.


Saa nti berɛ a wɔtee abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa no gyegyeɛ ara pɛ no, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ no nyinaa hwehwee ase sɔree sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.


na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa ho popoe, na wɔsuroo n’anim; deɛ ɔpɛ no, ɔkumm no, na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no tenaa ase; na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no so, na deɛ ɔpɛ no, ɔbrɛɛ no ase.


Ahemman yi mu aberempɔn, mmakoma, amantam ahemfo, agyinatufoɔ ne amradofoɔ nyinaa atu agyina sɛ wɔde ɔhene mmara bɛbara na wɔahyɛ ɛmom mmaraden sɛ: Obiara a ɔbɛbisa onyame bi anaa onipa bi hɔ adeɛ biara adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amena mu.


na wɔde wɔn akɔgu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa bɛsu na wɔatwɛre wɔn se.


na wɔato wɔn agu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa bɛsu na wɔatwɛre wɔn se.


na ɔsee no sɛ: Sɛ wobɛkoto asɔre me a, anka mede yeinom nyinaa bɛma wo.


Na ntɛm ara ɔhene somaa ɔbrafoɔ, hyɛɛ sɛ wɔmfa ne tiri mmra. Na ɔkɔtwaa ne ti, afiase hɔ,


Na wɔn ayayadeɛ wisie bɛforo soro daa daa, na wɔn a wɔbɛkoto aboa no ne ne honi, ne obiara a ɔbɛgye ne din agyiraeɛ no, rennya ɔhome awia ne anadwo.


Na ɔbuee ebunu abura no ano, na wisie a ɛte sɛ fononoo kɛseɛ mu wisie firii abura no mu, na owia ne ahunum duruu sum, abura no mu wisie no nti.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan