Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛberɛ a mobɛte abɛn, odurugya sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsanku ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, monhwe fam nsɔre sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ mote abɛn, odurugya, sanku, sankuten, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei a, monkotow fam, na monsɔre ɔhene Nebukadnessar sikakɔkɔɔ ohoni no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ mote abɛn, odurugya, sankuo, sankuten, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ a, monkoto fam, na monsɔre ɔhene Nebukadnessar sikakɔkɔɔ ohoni no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Ɛbere a mobɛte abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa nnyigyei no, monhwe fam nsɔre sika honi a ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:5
5 Iomraidhean Croise  

Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika, nnipa nsa ano adwuma.


Ɛno na Ɔhene Nebukadnessar de n’anim butuu fam, na ɔkotoo Daniel, na ɔkaa sɛ wɔmmɔ aduane afɔdeɛ ne ohwam afɔdeɛ ma Daniel.


Wo na woahyɛ mmara sɛ onipa biara a ɔbɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, ɔnhwe ase nsɔre sika honi no,


Afei deɛ, sɛ moasiesie mo ho sɛ berɛ a mobɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ a, ɛyɛ na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo bɛgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na onyame bɛn na ɔbɛyi mo afiri me nsam?


Saa nti berɛ a wɔtee abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa no gyegyeɛ ara pɛ no, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ no nyinaa hwehwee ase sɔree sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan