Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 Ɛnna ɔhene maa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego dii yie Babel asase soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Afei, Ɔhene Nebukadnessar maa Sadrak, Mesak ne Abednego dibea a ɛkorɔn yiye wɔ Babiloniaman mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Afei, Ɔhene Nebukadnessar maa Sadrak, Mesak ne Abednego dibea a ɛkorɔn yie wɔ Babiloniaman mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

30 Ɛnna ɔhene maa Sadrak, Mesak ne Abednego dii yiye Babel asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:30
9 Iomraidhean Croise  

Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛso n’aba ne berɛ mu, na n’ahahan mpo, na deɛ ɔyɛ nyinaa bɛwie yie.


Na sɛ ɔfam me ho yi, mɛgye no, mɛma no so, ɛfiri sɛ ɔnim me din.


na asomfoɔ panin no totoo wɔn din. Ɔtoo Daniel din sɛ Beltesasar, na ɔtoo Hanania din sɛ Sadrak, na ɔtoo Misael din sɛ Mesak, na ɔtoo Asaria din sɛ Abed-Nego.


Na Daniel srɛɛ ɔhene, na ɔde Sadrak, Mesak ne Abed-Nego yeyɛɛ Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ. Na Daniel deɛ, ɔtenaa ɔhene aban mu.


Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sika honi a ne tentene yɛ basafa dunum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako ne fa. Ɔde sii Dura asaseta so wɔ Babel asase so.


Ɔhene, Yudafoɔ bi wɔ hɔ a wode wɔn asisi Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ, Sadrak, Mesak ne Abed-Nego; mmarima yi mmu wo, wɔnsom w’anyame, na wɔnsɔre sika honi a wode asi hɔ no.


Sɛ obi som me a, ma no nni m’akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfoɔ nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’Agya bɛdi no ni.


Na afei yɛbɛse yeinom ho deɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie?


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka nie: Mekae ampa sɛ: Wo fie ne w’agya fie nnante m’anim daa; nanso afei, deɛ AWURADE seɛ nie: Ɛmpare me koraa; na wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni, na wɔn a wɔbu me animtia no bɛbɔ ahohora.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan