Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Na amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ ne ɔhene agyinatufoɔ hyia bɛhwɛɛ mmarima yi, sɛ ogya annya wɔn honam so tumi, na wɔn tiri so nwi anhyeɛ, na wɔn ntwontwo ansakyera, na ogya no ho hwa amfa wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Afei, ahenemma, mpanyimfo, amradofo ne afotufo betwaa wɔn ho hyiae, na wohuu sɛ, ogya no anka wɔn. Wɔn tinwi mpo ho anka. Na wɔn ntade anhyew. Na wusiw mpo mmɔn wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Afei, ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ ne afotufoɔ bɛtwaa wɔn ho hyiaeɛ, na wɔhunuu sɛ, ogya no anka wɔn. Wɔn tirinwi mpo ho anka. Na wɔn ntadeɛ anhye. Na wisie mpo mmɔn wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

27 Na amantam ahene, mmakoma ne amradofo ne ɔhene agyinatufo hyia bɛhwɛɛ mmarima yi, sɛ ogya annya wɔn honam so tumi, na wɔn ti so nwi anhyew, na wɔn ntwontwo ansakra, na ogya no ho hua amfa wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:27
17 Iomraidhean Croise  

Na ɔkɔ kɔhunuu efunu no sɛ ɛda ɔkwan no mu, na afunumu no ne gyata no gyinagyina efunu no ho. Gyata no nwee funu no, na ɔmpiraa afunumu no nso.


Enti afei, AWURADE yɛn Nyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam, na asase so ahennie nyinaa nhunu sɛ wo, AWURADE, ne Onyankopɔn, wo nkutoo ara nko!


na wɔnhunu sɛ wo a wo din de AWURADE no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.


O AWURADE, womaa wo nsa so, nanso wɔnhunu; ma wɔnhu wo man anem, na wɔn ani nwu; ma w’atamfoɔ ho nimkuntwe nhye wɔn sɛ ogya.


Sɛ woretwa nsuo a, me ne wo na ɛwɔ hɔ, na sɛ worefa nsubɔntene mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhye wo, na ogyaframa renhye wo.


Ɛnna wɔkyekyeree mmarima yi, wɔn ntwontwo, togase, wɔn ntadeɛ ne wɔn mmotire ne wɔn ntoma mu, na wɔtoo wɔn guu ogya a ɛrefranam no mu.


Ɛno na ɔhene bo tɔɔ ne yam kɛse, na ɔkaa sɛ wɔnyi Daniel mfiri amena no mu. Na wɔyii Daniel firii amena no mu baa soro, na wɔanhunu biribiara a ɛtii no, ɛfiri sɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so.


Ahemman yi mu aberempɔn, mmakoma, amantam ahemfo, agyinatufoɔ ne amradofoɔ nyinaa atu agyina sɛ wɔde ɔhene mmara bɛbara na wɔahyɛ ɛmom mmaraden sɛ: Obiara a ɔbɛbisa onyame bi anaa onipa bi hɔ adeɛ biara adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amena mu.


Na mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa.


Na ɔhene a mede nnam meka mekyerɛ no yi nim nsɛm yi mu; na megye medi sɛ yeinom biara nhuntaa no, ɛfiri sɛ wɔanyɛ yei kokoa mu.


Enti mesrɛ mo sɛ monnidi, na ɛno nso bɛgye mo nkwa bi. Na mo mu biara nwi baako mpo rentu mfiri ne tiri so ntɔ.


dumm ogya tumi, dwanee nkrantɛ ano, nyaa ahoɔmmerɛ mu ahoɔden, yɛɛ ɔko mu ahoɔdenfoɔ, kaa ananafoɔ mpasua guiɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan