Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Ɔkaa sɛ: Hwɛ, mehunu mmarima baanan a wɔasane wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu, na wɔn ho ntɔɔ kyema, na deɛ ɔtɔ so nnan no tebea te sɛ anyame ba bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Nebukadnessar teɛɛ mu se. “Monhwɛ! Mihu nnipa baanan a biribiara nkyekyeree wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu. Ogyatannaa no nhyew wɔn. Onipa a ɔto so anan no te sɛ anyame ba bi!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Nebukadnessar teaam sɛ. “Monhwɛ! Mehunu nnipa baanan a biribiara nkyekyeree wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu. Egya dɛreɛ no nhyee wɔn. Onipa a ɔtɔ so ɛnan no te sɛ anyame ba bi!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Obuae sɛ: Hwɛ, mihu mmarima baanan a wɔasan wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu, na wɔn ho ntɔɔ kyima ɛ, na nea ɔto so anan no tebea te sɛ anyame ba bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:25
20 Iomraidhean Croise  

Na ɛbaa sɛ da bi Ɔsoro dɔm no ba bɛgyinaa AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae.


berɛ a adekyeeɛ nsoromma boom too ahurisie dwom, na Ɔsoro dɔm nyinaa bɔɔ ose no?


Ɔbɛyi wo afiri ahohiahia nsia mu, aane, na deɛ ɛtɔ so nson no mu, bɔne renka wo.


AWURADE bɔfoɔ bɔ wɔn a wɔsuro no ho nsraban hyia, na ɔgye wɔn.


Hwan na waforo akɔ soro na wasiane? Hwan na ɔkura mframa wɔ ne nsam? Hwan na ɔbɔ nsuo boaa, ntoma mu? Hwan na ɔde asase ano nyinaa sisi hɔ? Sɛ wonim a, ne din de sɛn? Na ne ba din de sɛn?


Sɛ woretwa nsuo a, me ne wo na ɛwɔ hɔ, na sɛ worefa nsubɔntene mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhye wo, na ogyaframa renhye wo.


Na wɔne wo bɛdi ako, nanso wɔrentumi wo, ɛfiri sɛ meka wo ho, na mɛgye wo, AWURADE asɛm nie.


Nsuro wɔn anim, na wo deɛ, mɛdi w’akyi, na mɛgye wo, AWURADE asɛm nie.


Na mɛyi wo afiri abɔnefoɔ nsam, na magye wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.


Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, hunu sɛ yɛrensom w’anyame, na yɛrensɔre sika honi a wode asi hɔ no.


Ɛnna Ɔhene Nebukadnessar ho dwirii no, na ɔsɔre ntɛmntɛm, na ɔbisaa n’agyinatufoɔ no sɛ: Ɛnyɛ mmarima baasa na yɛkyekyeree wɔn guu ogya no mu? Wɔbuaa ɔhene no sɛ: Ampa, ɔhene.


Nebukadnessar kaa sɛ: Nhyira ne Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn a wasoma ne bɔfoɔ, na wabɛyi ne nkoa a wɔde wɔn ho too ne soɔ na wɔsakyeraa ɔhene asɛm na wɔde wɔn honam maeɛ, deɛ ɛbɛyɛ na wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara sɛ wɔn Nyankopɔn.


Ɛno na ɔhene bo tɔɔ ne yam kɛse, na ɔkaa sɛ wɔnyi Daniel mfiri amena no mu. Na wɔyii Daniel firii amena no mu baa soro, na wɔanhunu biribiara a ɛtii no, ɛfiri sɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so.


wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom adubɔne biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde nsa bɛgu ayarefoɔ so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.


Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no Nyankopɔn ba.


Na ɔpetee aboa no too ogya mu, nso hwee anyɛ no.


na wɔde tumi ayi no akyerɛ sɛ Nyankopɔn Ba, ahoteɛ honhom fam, awufoɔ sɔreɛ mu; ɔno ne Yesu Kristo, yɛn Awurade


Na sɛ modi papa akyiri a, hwan na ɔbɛha mo?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan