Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Ɔhene Nebukadnessar somaa sɛ wɔnkɔhyiahyia amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ, atemmufoɔ mpanin, nsannaafoɔ, mmaratwerɛfoɔ, atemmufoɔ ne nsase no so atumfoɔ nyinaa sɛ wɔmmra na wɔnna ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de sii hɔ no adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Afei ɔde nkra kɔmaa ahenemma, mpanyimfo, amradofo, afotufo, sanaafo, atemmufo, asennifo ne ɔman no mu mpanyimfo se, wɔmmra ohoni a wɔreda no adi no afahyɛ ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Afei, ɔtoo nkra kɔmaa ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ, afotufoɔ, nsanaafoɔ, atemmufoɔ, asɛnnifoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ sɛ, wɔmmra ohoni a wɔreda no adi no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔhene Nebukadnesar somae sɛ wonkohyiahyia amantam ahene, mmakoma ne amradofo, atemmufo mpanyin, asannaafo, mmarakyerɛfo atemmufo ne nsaase no so atumfo nyinaa mmra ohoni a ɔhene Nebukadnesar de sii hɔ no dwira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:2
10 Iomraidhean Croise  

Na Yeroboam hyɛɛ dapɔnna bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu, bosome no da a ɛtɔ so dunum so, sɛ dapɔnna a wɔdi no Yuda no, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. Saa na ɔyɛɛ no Betel, ɔbɔɔ afɔdeɛ maa nantwie mma a ɔyɛeɛ no, na ɔde sorɔnsorɔmmea a ɔyɛeɛ no asɔfoɔ duaa Betel.


Ɔpanin a ɔtie atorosɛm no, n’asomfo nyinaa yɛ abɔnefoɔ.


Na amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ ne ɔhene agyinatufoɔ hyia bɛhwɛɛ mmarima yi, sɛ ogya annya wɔn honam so tumi, na wɔn tiri so nwi anhyeɛ, na wɔn ntwontwo ansakyera, na ogya no ho hwa amfa wɔn ho.


Ɛnna amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ, atemmufoɔ mpanin, nsannaafoɔ, mmaratwerɛfoɔ, asennifoɔ ne nsase no so atumfoɔ nyinaa bɛhyiaa sɛ wɔrebɛda ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de sii hɔ no adi, na wɔbɛgyinaa ohoni a Nebukadnessar de sii hɔ no anim.


na wɔhyiahyiaa ɔman no kɔɔ wɔn anyame afɔreduane ho; na ɔman no didii na wɔsɔree wɔn anyame no;


Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ adwaman, na n’adwamammɔ nsa no abobo wɔn a wɔtete asase soɔ no.


Na Filistifoɔ asafohene no hyiaa sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ kɛseɛ ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wɔkaa sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan