Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Ɛnna Nebukadnessar de abufuo ne anibereɛ kaa sɛ wɔnkɔfa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego mmra. Na wɔde mmarima yi baa ɔhene anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Ɛhɔ ara, Nebukadnessar bo fuw yiye, na ɔhyɛe se, wɔmfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra nʼanim. Wɔde wɔn bae no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ɛhɔ ara, Nebukadnessar bo fuu yie, na ɔhyɛɛ sɛ, wɔmfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra nʼanim. Wɔde wɔn baeɛ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Ɛnna Nebukadnesar de abufuw ne anibere kae sɛ wɔnkɔfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra. Ɛnna wɔde mmarima yi baa ɔhene anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:13
15 Iomraidhean Croise  

nanso Kain ne n’afɔrebɔdeɛ no deɛ, n’ani ansɔ. Kain bo fuu pii, na ɔmunae.


Ma osisire a wɔafa ne mma nhyia wo mmom, na ɛnyɛ ɔkwasea n’agyimisɛm mu.


Ɔboɔ yɛ duru na anwea yɛ dompee, nanso ogyimifoɔ abufuo yɛ duru sene ne mmienu nyinaa.


Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa, na ɔbobɔnefoɔ mmarato dɔɔso.


na asomfoɔ panin no totoo wɔn din. Ɔtoo Daniel din sɛ Beltesasar, na ɔtoo Hanania din sɛ Sadrak, na ɔtoo Misael din sɛ Mesak, na ɔtoo Asaria din sɛ Abed-Nego.


Yei nti ɔhene bo fui, na n’ani beree kɛse, na ɔkaa sɛ wɔnkum Babel anyansafoɔ nyinaa.


Ɛno na abufuhyeɛ hyɛɛ Nebukadnessar ma, na n’anim tebea sakyera tiaa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego; ɔkaa sɛ wɔmma fononoo no mu nnɔ mprɛnson nkyɛne deɛ daa ɛyɛ no.


Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofoɔ ne ahemfo anim na adi adanseɛ akyerɛ wɔn ne amanaman.


Na mo deɛ, monhwɛ mo ho yie! Na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ badwa, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo bɛgyina amradofoɔ ne ahemfo anim na moadi adanseɛ akyerɛ wɔn.


Na deɛ ɛdi yeinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa bɛsɔ mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahemfo ne amradofoɔ anim me din nti,


Na wɔn deɛ, abufuo yɛɛ wɔn ma, na wɔtuu adekodeɛ a wɔde bɛyɛ Yesu ho agyina.


Na nna bi akyiri no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani bae, na ɔsoma maa wɔkɔfrɛɛ Paulo baeɛ, na wɔtiee Kristo Yesu mu gyidie no ho asɛm.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan