Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Ɔhene, Yudafoɔ bi wɔ hɔ a wode wɔn asisi Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ, Sadrak, Mesak ne Abed-Nego; mmarima yi mmu wo, wɔnsom w’anyame, na wɔnsɔre sika honi a wode asi hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Nanso Nana, Yudafo bi a wɔn din de Sadrak, Mesak ne Abednego a wode wɔn atuatua Babiloniaman ano no abu wo animtiaa, na wɔansɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Nanso, Nana, Yudafoɔ bi a wɔn din de Sadrak, Mesak ne Abednego a wode wɔn atuatua Babiloniaman ano no abu wo animtia, na wansɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ ohoni a wode asi hɔ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Yudafo bi wɔ hɔ a wode wɔn asisi Babel asase so hwɛfo, Sadrak, Mesak ne Abednego; mmarima yi mmu wo, ɔhene; wɔnsom w’anyame, na wɔnsɔre sika honi a wode asi hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:12
15 Iomraidhean Croise  

Na Haman ka kyerɛɛ Ɔhene Akas-weros sɛ: Ɔman baako bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete, na wɔate wɔn ho afiri amanaman mu, w’ahennie nsase nyinaa soɔ, na ɛsono wɔn mmara ne aman nyinaa deɛ, na ɔhene mmara no, wɔnni so, na ɛmfata ɔhene sɛ ɔbɛma wɔn kwan.


Anibereɛ yɛ atirimuɔden, na abufuo yɛ ahometedeɛ, na hwan na ɔbɛtumi agyina ninkuntwe anim?


Na mehunuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiedie nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


na asomfoɔ panin no totoo wɔn din. Ɔtoo Daniel din sɛ Beltesasar, na ɔtoo Hanania din sɛ Sadrak, na ɔtoo Misael din sɛ Mesak, na ɔtoo Asaria din sɛ Abed-Nego.


Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛseɛ, na ɔmaa no ayɛyɛdeɛ akɛseɛ bebree, na ɔmaa no dii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafoɔ nyinaa so mpanimfoɔ mu titire.


Na Daniel srɛɛ ɔhene, na ɔde Sadrak, Mesak ne Abed-Nego yeyɛɛ Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ. Na Daniel deɛ, ɔtenaa ɔhene aban mu.


na deɛ wanhwe ase ansɔre no, wɔde no bɛto ogya a ɛrefranam fononoo mu:


Sadrak, Mesak ne Abed-Nego buaa Ɔhene Nebukadnessar sɛ: Ɛnhia yɛn sɛ yɛbɛbua wo yei ho asɛm biara.


Ne saa nti, mehyɛ mmara sɛ ɔman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa mu biara a ɔka Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn ho abususɛm no, wɔbɛtwitwa no asinasini, na wɔama ne fie adane amamfo, ɛfiri sɛ onyame biara nni hɔ a ɔbɛtumi agye onipa seyie.


Ɛnna ɔhene maa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego dii yie Babel asase soɔ.


Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Daniel a ɔfiri Yuda atukɔfoɔ mu no mmu wo, ɔhene, ne ɛmom a woahyɛ no, na ɔbɔɔ mpaeɛ srɛ adeɛ da koro mprɛnsa.


Ɛnna ɔhene tee asɛm yi no, ɛyɛɛ no ya kɛseɛ, na ɔsuaee ne tirim sɛ ɔbɛgye Daniel, na ɔbɔɔ mmɔden ara kɔsii owiatɔberɛ sɛ ɔbɛgye no.


Na Yason agye wɔn. Nso wɔn nyinaa bu Kaesare mmara no so ka sɛ, ɔhene foforɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu.


sɛ: Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo nkyerɛkyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan