Daniel 2:9 - New Revised Asante Twi Bible9 Sɛ moankyerɛ me daeɛ no a, asɛm rebɛto mo, ɛfiri sɛ moadwene atorosɛm ne nnaadaasɛm sɛ morebɛka no m’anim de akɔsi sɛ mɛsesa m’adwene; enti monka daeɛ no nkyerɛ me, na menhunu sɛ mobɛtumi akyerɛ me aseɛ. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm9 Sɛ moanka dae no ankyerɛ me a, asotwe baako pɛ na ɛda hɔ ma mo. Moapam sɛ mubedi atoro adaadaa me. Mususuw sɛ asɛm no bɛsesa. Monka dae no nkyerɛ me, na ɛbɛma mahu sɛ mubetumi akyerɛ ase.” Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm9 Sɛ moanka daeɛ no ankyerɛ me a, asotwe baako pɛ na ɛda hɔ ma mo. Moapam sɛ mobɛdi atorɔ adaadaa me. Mosusu sɛ asɛm no bɛsesa. Monka daeɛ no nkyerɛ me, na ɛbɛma mahunu sɛ mobɛtumi akyerɛ aseɛ.” Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON9 Sɛ moankyerɛ me ɔdae no a, asɛm rebɛto mo, efisɛ moadwen atosɛm ne nnaadaasɛm sɛ morebɛka wɔ m’anim de akosi sɛ mɛsesa m'adwene; enti monka ɔdae no nkyerɛ me, na minhu sɛ mubetumi akyerɛ me ase. Faic an caibideil |
ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ ɔhene nkoa nyinaa ne ɔhene nsase so nkurɔfoɔ nim sɛ, ɔbarima anaa ɔbaa biara a ɔba ɔhene nkyɛn, emu fam abannwa soɔ a wɔmfrɛɛ no no, ne mmara baako pɛ na ɛwɔ hɔ, ɛne sɛ wɔku no, gye deɛ ɔhene bɛtene sika ahempoma akyerɛ no sɛ ɔntena aseɛ no. Nso adaduasa ni, wɔmfrɛɛ me sɛ menkɔ ɔhene nkyɛn.