Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Wɔbuaa no ne mprenu so sɛ: Ma ɔhene nka daeɛ no nkyerɛ ne nkoa, na yɛnkyerɛ aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔkaa bio se, “Yɛsrɛ wo, Nana, ka dae no kyerɛ wʼasomfo, na yɛbɛkyerɛ wo ase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔkaa bio sɛ, “Yɛsrɛ wo, Nana, ka daeɛ no kyerɛ wʼasomfoɔ, na yɛbɛkyerɛ wo aseɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Wobuae bio sɛ: Ma ɔhene nka ɔdae no nkyerɛ ne nkoa, na yɛnkyerɛ ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:7
5 Iomraidhean Croise  

Sɛ otumfoɔ honhom sɔre tia wo a, nnya w’afa, na ɛdwo brɛ bɔne akɛseɛ ano ase.


Ɛnna Kaldeafoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene (wɔ Aramaik kasa mu) sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Ka wo daeɛ no kyerɛ wo nkoa, na yɛnkyerɛ aseɛ.


Ɔhene buaa sɛ: Menim ampa sɛ moresɛe me berɛ, ɛsiane sɛ monim sɛ mekasa a mennane akyire.


Sɛ moankyerɛ me daeɛ no a, asɛm rebɛto mo, ɛfiri sɛ moadwene atorosɛm ne nnaadaasɛm sɛ morebɛka no m’anim de akɔsi sɛ mɛsesa m’adwene; enti monka daeɛ no nkyerɛ me, na menhunu sɛ mobɛtumi akyerɛ me aseɛ.


Ɛnna nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ baeɛ, na meyii daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan