Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:49 - New Revised Asante Twi Bible

49 Na Daniel srɛɛ ɔhene, na ɔde Sadrak, Mesak ne Abed-Nego yeyɛɛ Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ. Na Daniel deɛ, ɔtenaa ɔhene aban mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

49 Daniel ka ma wɔyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego, Babilonia asase no so ahwɛfo, na Daniel yɛɛ ɔsomfo wɔ ɔhene aban mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

49 Daniel bisa ma wɔyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego, Babilonia asase no so ahwɛfoɔ, na Daniel yɛɛ ɔsomfoɔ wɔ ɔhene aban mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

49 Na Daniel srɛɛ ɔhene, na ɔde Sadrak, Mesak ne Abednego sisii Babel asase so hwɛfo; na Daniel de, ɔtenaa ɔhene aban mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:49
12 Iomraidhean Croise  

Na wɔhyiahyiaa mmabaa no ne mprenu soɔ no, na Mordekai te ɔhene ponkɛseɛ no mu.


Nna a Mordekai te ɔhene ponkɛseɛ no mu no, Bigtan ne Teres, ɔhene mpiafoɔ baanu a wɔfiri wɔn a wɔwɛn ɔpono ano no mu no, bo hurui, na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkum Ɔhene Akas-weros.


Na ɔhene nkoa a wɔte ɔhene ponkɛseɛ mu nyinaa koto sɔree Haman, ɛfiri sɛ saa na na ɔhene ahyɛ ama no. Na Mordekai deɛ, wankoto na wansɔre no.


Teneneefoɔ di ahurisie a, ɛyɛ fɛ pii, na abɔnefoɔ deɛ wɔsɔre a, nnipa hunta.


na Babel hene mmapɔmma nyinaa ba bɛtenaa mfimfini ponkɛseɛ no mu: Nergal-sareser, Samgar-nebo, Sar-sekim a ɔyɛ Rab-saris, Nergal-sareser a ɔyɛ Rab-mag, ne Babel hene mmapɔmma a aka no nyinaa.


Na mmerantewaa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nwoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne aniteɛ, na Daniel nyaa anisoadehunu ne daeɛ nyinaa mu nhunumu.


na asomfoɔ panin no totoo wɔn din. Ɔtoo Daniel din sɛ Beltesasar, na ɔtoo Hanania din sɛ Sadrak, na ɔtoo Misael din sɛ Mesak, na ɔtoo Asaria din sɛ Abed-Nego.


Ɛnna Daniel firi kɔɔ ne fie, na ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ ne mfɛfoɔ Hanania, Misael ne Asaria,


Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sika honi a ne tentene yɛ basafa dunum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako ne fa. Ɔde sii Dura asaseta so wɔ Babel asase so.


ne wɔn so aberempɔn baasa a Daniel yɛ wɔn mu baako, sɛ amantam ahemfo no mmu akonta nkyerɛ wɔn, na ɔhene adeɛ ammɔ no.


Montane bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kuro apono mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn bɛhunu Yosef nkaeɛ no mmɔbɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan