Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:48 - New Revised Asante Twi Bible

48 Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛseɛ, na ɔmaa no ayɛyɛdeɛ akɛseɛ bebree, na ɔmaa no dii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafoɔ nyinaa so mpanimfoɔ mu titire.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

48 Afei, ɔhene no maa Daniel dibea a ɛkorɔn yiye san yɛɛ no ayɛ a ɛsom bo yiye. Ɔmaa Daniel hwɛɛ Babilonia amantam no nyinaa so, na ɔde no sii nʼanyansafo no nyinaa so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

48 Afei, ɔhene no maa Daniel dibea a ɛkorɔn yie sane yɛɛ no ayɛ a ɛsom bo yie. Ɔmaa Daniel bɛyɛɛ sohwɛfoɔ wɔ Babiloniaman no mu nyinaa, na ɔde no sii nʼanyansafoɔ no nyinaa so ɔhene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

48 Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛse, na ɔmaa no ayɛyɛde akɛse bebree, na ɔma odii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafo nyinaa so mpanyimfo mu titiriw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:48
22 Iomraidhean Croise  

Nso na Barsilai abɔ akora sɛ, wadi mfirinhyia aduɔwɔtwe. Na ɔhene tenaa Mahanaim no, ɔno na ɔhwɛɛ no, na ɔyɛ ɔdefoɔ kɛseɛ.


Na Siriahene sahene Naaman yɛ onipa titire wɔ ne wura anim, na ɔwɔ animuonyam, ɛfiri sɛ ɔno so na AWURADE nam gyee Siria; na onipa no yɛ dɔmmarima a ɔtumi ne ho, nso na ɔyare kwata.


Na ɔwɔ nnwan mpem nson ne yoma mpensa ne anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ ahanum ne asomfoɔ bebree pa; na ɔbarima yi yɛ titire wɔ apueeɛ mma no nyinaa mu.


Mɛkɔ nnipa akɛseɛ nkyɛn makɔkasa akyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔn na wɔnim AWURADE kwan ne wɔn Nyankopɔn mmara no. Nanso wɔn nyinaa abubu kɔnnua no atete nkyehoma no mu.


Na sɛ mokyerɛ me daeɛ no ne n’ase a, mobɛnya me hɔ akyɛdeɛ, ayɛyɛdeɛ ne anidie kɛseɛ. Enti monkyerɛ me daeɛ no ne n’ase.


Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sika honi a ne tentene yɛ basafa dunum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako ne fa. Ɔde sii Dura asaseta so wɔ Babel asase so.


Ɔhene, Yudafoɔ bi wɔ hɔ a wode wɔn asisi Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ, Sadrak, Mesak ne Abed-Nego; mmarima yi mmu wo, wɔnsom w’anyame, na wɔnsɔre sika honi a wode asi hɔ no.


Ɛnna ɔhene maa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego dii yie Babel asase soɔ.


Enti mehyɛɛ mmara sɛ wɔmfa Babel anyansafoɔ mmra m’anim, na wɔmmɛkyerɛ me daeɛ no ase.


Beltesasar, nkonyaayifoɔ panin, sɛ menim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu na ahuntasɛm biara nyɛ wo den nti, ka me daeɛ mu adehunu a mehunuiɛ ne ne nkyerɛaseɛ kyerɛ me.


Ɔbarima bi wɔ w’ahennie mu a anyame kronkron honhom wɔ ne mu, na w’agya berɛ so no, wɔhunuu ne mu aniteɛ ne nimdeɛ ne nyansa sɛ anyame nyansa, na w’agya, Ɔhene Nebukadnessar, de no sii nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ so panin.


Na mate wo nka sɛ wotumi kyerɛ nsɛm ase na wosane apɔ; na sɛ wotumi kenkan atwerɛ no kyerɛ me aseɛ a, wɔbɛfira wo ɔtankɔkɔɔ de sika atweaban agu wo kɔn mu, na woayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie mu tumi.


Ɛnna Belsasar ka maa wɔfiraa Daniel ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika atweaban guu ne kɔn mu, na wɔpaee ne ho asɛm sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie mu tumi.


Ɔhene no teaa mu denden sɛ wɔmfa pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ mmra. Ɔhene no bua see Babel anyansafoɔ no sɛ: Obiara a ɔbɛkenkan atwerɛ yi na wakyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no ɔtankɔkɔɔ, na sika atweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie yi mu tumi.


Na me, Daniel, meyɛɛ siamoo, na meyaree nna bi, ansa na meresɔre mayɛ ɔhene adwuma, na adehunu no yɛɛ me ahodwiri, na obiara ante aseɛ.


Na afei dwane kɔ deɛ wofire! Mekaa sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, na hwɛ, AWURADE asi w’animuonyam ho kwan.


Na Israel mmarima no kekaa sɛ: Sɛ moahunu ɔbarima a ɔreforo aba yi? Israel ara na waba rebɛtwa wɔn poa; na onii ko a ɔbɛku no no, ɔhene bɛma no anya ne ho sɛ, na ɔde ne babaa bɛma no aware, na wama n’agya fie ade wɔn ho wɔ Israel.


Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama no anya animuonyam adwa so atena. Na asase nnyinasoɔ yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.


Na ɔbarima bi wɔ Maon a n’adwuma wɔ Karmel, na ɔbarima no yɛ onipa kɛseɛ; ɔwɔ nnwan mpensa ne mmirekyie apem; na ɔretwitwa ne nnwan ho wɔ Karmel.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan