Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:46 - New Revised Asante Twi Bible

46 Ɛno na Ɔhene Nebukadnessar de n’anim butuu fam, na ɔkotoo Daniel, na ɔkaa sɛ wɔmmɔ aduane afɔdeɛ ne ohwam afɔdeɛ ma Daniel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

46 Ɔhene Nebukadnessar bɔɔ ne mu ase wɔ Daniel anim, som no, na ɔhyɛɛ ne manfo se, wɔmfa afɔrebɔde mmra, na wɔnhyew aduhuam wɔ nʼanim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

46 Ɔhene Nebukadnessar bɔɔ ne mu ase wɔ Daniel anim, somm no, na ɔhyɛɛ ne manfoɔ sɛ, wɔmfa afɔrebɔdeɛ mmra, na wɔnhye aduhwam wɔ nʼanim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

46 Ɛno na ɔhene Nebukadnesar de n’anim butuw fam, na ɔkotow Daniel, na ɔkae sɛ wɔmmɔ no aduan afɔre ne ohuam afɔre.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:46
12 Iomraidhean Croise  

na wɔmmɔ afɔdeɛ hwamhwam mma ɔsoro Nyankopɔn, na wɔnyi ɔhene ne ne mma nkwa so apaeɛ.


Ɛberɛ a mobɛte abɛn, odurugya sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsanku ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, monhwe fam nsɔre sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.


Saa nti berɛ a wɔtee abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa no gyegyeɛ ara pɛ no, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ no nyinaa hwehwee ase sɔree sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.


Na ɔbaa deɛ megyina hɔ, na ɔbaeɛ no, mesuroe, na mede m’anim butuu fam. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: O onipa ba, te aseɛ, na adehunu no fa awieeɛ berɛ ho.


Na mɛgu mo nkuro mayɛ no amamfo na masɛe mo kronkronbea, na merennye mo aduhwam no hwa.


na ɔde n’anim butuu fam wɔ ne nan ase daa no ase. Ɔno deɛ, na ɔyɛ Samariani.


Petro fitiiɛ ara pɛ na Kornelio kɔhyiaa no hwee ne nan ase sɔree no.


Na Seus a n’asɔredan wɔ kuro no anim no sɔfoɔ de anantwinini ne nhwiren a wɔakyekyerɛ baa kuro no aboboano pɛɛ sɛ ɔne nkurɔfoɔ akuakuo no de bɛbɔ afɔdeɛ.


Na wɔn deɛ, na wɔn ani da so sɛ Paulo rebɛhonhono anaasɛ ɔrebɛhwe ase awu mpofirim; nanso wɔhwɛe hwɛeɛ na wɔhunuu sɛ biribiara anyɛ no no, wɔsesaa wɔn adwene kaa sɛ gyama ɔyɛ onyame bi.


Na mpanimfoɔ aduonu nnan a wɔtete wɔn nhennwa soɔ Nyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuu fam, na wɔkotoo Onyankopɔn


Na mehwee ne nan ase mekotoo no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wɔkura Yesu adanseɛ no mu bi. Koto Onyankopɔn! Na Yesu adanseɛ ne adiyie honhom no.


Na me, Yohane, ne deɛ ɔhunuu nnoɔma yi na ɔteeɛ. Na meteeɛ na mehunuiɛ no, mehwee ase sɛ merekoto asɔre ɔbɔfoɔ a ɔkyerɛɛ me nnoɔma yi nan ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan