Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:45 - New Revised Asante Twi Bible

45 Ɛno nti sɛdeɛ wohunuu sɛ ɔboɔ a nsa anka te firii bepɔ no ho, na ɛbɛbubuu dadeɛ, kɔbere mfrafraeɛ, ɛfa, dwetɛ ne sika no muhumuhu no, saa ara na Onyankopɔn kɛseɛ no akyerɛ ɔhene deɛ daakye ɛbɛba; na daeɛ no wom na ne nkyerɛaseɛ yɛ nokorɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

45 Ɔbo no a nsa biara nkura mu na etwa fii bepɔw no so a ɛyam dade, kɔbere, dɔte, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mfrafrae ohoni no gyina hɔ ma saa ɔman no. “Onyankopɔn kɛse akyerɛ Nana, nea ɛbɛba daakye. Dae no yɛ nokware, na ne nkyerɛase yɛ kann.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

45 Ɔboɔ no a nsa biara nkura mu na ɛtwa firi bepɔ no so a ɛyam dadeɛ, kɔbere, dɔteɛ, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mfrafraeɛ ohoni no gyina hɔ ma saa ɔman no. “Onyankopɔn kokuroko akyerɛ Nana, deɛ ɛbɛba daakye. Daeɛ no yɛ nokorɛ, na ne nkyerɛaseɛ yɛ kann.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

45 Ɛno nti wuhui sɛ ɔbo a nsa anka tew fii bepɔw no ho, na ebebubu dade, kɔbere, ɛfa, dwetɛ ne sika no dukuduku. Onyankopɔn kɛse no akyerɛ ɔhene nea daakye ɛbɛba, na ɔdae no wom na ne nkyerɛase yɛ nokware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:45
32 Iomraidhean Croise  

Anantwie pa nson no yɛ mfeɛ nson, na mmɛtem nson pa no nso yɛ mfeɛ nson; ɛyɛ daeɛ korɔ.


Asɛm no te sɛ deɛ maka makyerɛ Farao no ara. Deɛ Onyankopɔn rebɛyɛ no na ɔde akyerɛ Farao yi:


Na daeɛ no a ɛyɛɛ mmɔho mmienu maa Farao no ase ne sɛ, Onyankopɔn ahyɛ saa adeɛ no ampa, na Onyankopɔn rebɛyɛ no ntɛmntɛm.


Enti woso kokuroo, AWURADE Nyankopɔn, na obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ, na onyame biara nso nni w’akyi, sɛ nsɛm a yɛde yɛn aso ateɛ no nyinaa teɛ no.


Na AWURADE yɛ ɔkɛseɛ na ɔsɛ ayeyie sɛ, na ne ho yɛ hu anyame nyinaa mu.


Na mekɔhwɛe, na mesɔree, na mesee mmakoma ne mpanimfoɔ ne ɔman no nkaeɛ sɛ: Monnsuro wɔn, AWURADE kɛseɛ a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no, na monko mma mo nuanom ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo yerenom ne mo afie.


Na afei, yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ, otumfoɔ a wo ho yɛ hu, a wokora apam ne adɔeɛ, mma ɔbrɛ a ato yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfoɔ ne yɛn adiyifoɔ ne yɛn agyanom ne wo man nyinaa ara, ɛfiri Asiria ahemfo berɛ so, de bɛsi nnɛ da yi no nyinaa nnyɛ w’anim ketewa.


Hwɛ, Onyankopɔn so, na yɛnni no; ne mfeɛ dodoɔ nso mu nni hwehwɛbea.


Na me deɛ, menim sɛ AWURADE so, na yɛn wura sene anyame nyinaa.


AWURADE so, na ɔsɛ ayeyie kɛse, ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛeɛ.


Wode dadeɛ poma bɛbubu wɔn, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.


AWURADE yɛ kɛse, na wɔyi no ayɛ sɛ, yɛn Nyankopɔn kuro mu, ne bepɔ kronkron so.


Na AWURADE yɛ kɛseɛ, na ɔsɛ ayeyie sɛ, ne ho yɛ hu, anyame nyinaa so,


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede ɔboɔ bi retim Sion, ɔboɔ a wɔasɔ no ahwɛ, tweaso tiboɔ a ne boɔ yɛ den a ɛtim hɔ timpa, deɛ ɔgye die no rennwane.


Ɛno nti Daniel kɔɔ Ariok a ɔhene ayi no sɛ ɔnkum Babel anyansafoɔ no nkyɛn; ɔkɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: Babel anyansafoɔ no, nkum wɔn! Fa me kɔ ɔhene anim, na menkɔkyerɛ no aseɛ.


nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔyi ahuntasɛm adie, na wakyerɛ Ɔhene Nebukadnessar deɛ ɛrebɛba daakye. Wo daeɛ ne w’anisoadeɛ a woda wo mpa soɔ no wohunuiɛ no nie:


Ɔhene, wodwenee nnoɔma pii ho wɔ wo mpa so, deɛ yei akyi ɛbɛba no ho, na deɛ ɔyi ahuntasɛm adie no ama woahunu deɛ ɛrebɛba no.


Na ahemfo no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahennie a wɔrensɛe no da, na wɔrennya n’ahennie mma ɔman foforɔ bi so, na ɛbɛbubu ahennie ahodoɔ no nyinaa ama no asa, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa.


Na n’aniteɛ nti ne nnaadaa bɛkɔ so ne nsam, na ɔbɛdi n’akoma mu akokurokosɛm na ɔbɛfiri nkurɔfoɔ bebree awora asɛe wɔn; na ɔbɛsɔre atia ahene mu hene no, nanso ɔbɛbubu a ɛnyɛ onipa nsa na ɛbɛbubu no.


na mɛbutu ahennie nhennwa, na masɛe amanaman ahennie ahoɔden, na mɛbutu nteaseɛnam ne wɔn a ɛtete mu, na apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ sotenafoɔ ahwehwe ase, na obi atɔ ne nua afena ano.


Na da no, mede Yerusalem bɛyɛ tɔkwaboba ama aman nyinaa. Wɔn a wɔbɛma soɔ nyinaa bɛpirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano atia no.


Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Me nso mɛbisa mo asɛm baako a, sɛ moyi m’ano a, me nso mɛka tumi a mede meyɛ nnoɔma yi makyerɛ mo:


Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.


Na Farisifoɔ no bisaa no sɛ da bɛn na Nyankopɔn ahennie bɛba no, ɔbuaa wɔn sɛ: Nyankopɔn ahennie mma sɛ ani tua,


Na AWURADE mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn, ne Awurade mu Awurade, Onyankopɔn kɛseɛ no, Otumfoɔ a ne ho yɛ hu a ɔnhwɛ nnipa anim na ɔnnye adanmudeɛ;


Twerɛ deɛ wohunu, ne deɛ ɛwɔ hɔ, ne deɛ yei akyiri no ɛrebɛba:


Na mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔgyina owia mu. Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu ka kyerɛɛ nnomaa a wɔtu wɔ wiem nyinaa sɛ: Mommra mmɛhyia Nyankopɔn adidie kɛseɛ no ase


Yei akyiri no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahini ɛpono ɔsoro, na ɛnne a metee kane sɛ totorobɛnto a ɛne me kasaeɛ no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo deɛ ɛtwa sɛ yeinom akyiri no ɛba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan