Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:40 - New Revised Asante Twi Bible

40 Na ahennie a ɛtɔ so nnan no bɛyɛ den sɛ dadeɛ; na sɛdeɛ dadeɛ bubu na ɛyam adeɛ a ɛbɔ so nyinaa no, saa ara na ahennie a ɛtɔ so nnan no bɛbobɔ ahennie a ɛdi kan no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

40 Nea ebedi saa ahemman no akyi no, ɛbɛyɛ ahemman a ɛto so anan a so na ahoɔden wɔ te sɛ dade. Saa ahemman no bebubu, ayam aman a adi kan no nyinaa te sɛnea dade bubu yam biribiara a ɛne no hyia no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

40 Nea ɛbɛdi saa ahemman no akyi no, ɛbɛyɛ ahemman a ɛtɔ so ɛnan a ɛso na ɛwɔ ahoɔden te sɛ dadeɛ. Saa ahemman no bɛbubu, ayam aman a adi ɛkan no nyinaa te sɛdeɛ dadeɛ bubu yam biribiara a ɛne no hyia no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

40 Na ahenni a ɛto so anan no bɛyɛ den sɛ dade; na sɛnea dade bubu na ɛyam ade nyinaa no, sɛ dade a ɛbobɔ ade ara na ebebubu na abobɔ ɛno nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:40
12 Iomraidhean Croise  

Ɔno a ɔde ahum posa me, na ɔma m’akuro dɔɔso kwa no,


Dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bɛtumi abu dadeɛ a ɛfiri atifi fam anaa?


N’asrɛ yɛ dadeɛ, ne nan mu bi yɛ dadeɛ, na emu bi yɛ dɔteɛ.


Na w’akyi na ahennie foforɔ bɛsɔre a ɛnnuru wo deɛ no ne ahennie a ɛtɔ so mmiɛnsa foforɔ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɛbɛdi asase nyinaa soɔ.


Na sɛdeɛ wohunuu nan ne nansoaa a emu bi yɛ ɔnwomfoɔ dɔteɛ na emu bi yɛ dadeɛ no, ɛbɛyɛ ahennie a emu apaepaeɛ, nso dadeɛ denyɛ no bɛtena mu, sɛdeɛ wohunuu sɛ dɔteɛ afrafra dadeɛ no mu no.


Yei akyiri no, mede hwɛ ara anadwo adehunu mu, na hwɛ, aboa a ɔtɔ so nnan a ne ho yɛ hu ne nwanwa na ɔyɛ den boro soɔ nie. Ɔwɔ dadeɛ se akɛseɛ, na ɔdidi kekaa mu de ne nan pɛkyɛɛ nkaeɛ, na ɛsono no ne mmoa a wɔdii n’anim nyinaa, na ɔwɔ mmɛn du.


Na ne tumi mu bɛyɛ den, nso ɛnyɛ ɔno ara ne tumi; na ɔbɛsɛe adeɛ ama no ayɛ nwanwa, na ɔbɛdi yie na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ, na wasɛe ahoɔdenfoɔ ne akronkronfoɔ man no.


Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Damasko amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔde dadeɛ ayuporeɛadeɛ dwerɛɛ Gilead nti.


Sɛ yɛgyaa no saa a, nnipa nyinaa bɛgye no adi, na Romafoɔ aba abɛfa yɛn ha yi ne yɛn man.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan