Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:38 - New Revised Asante Twi Bible

38 na baabiara a nnipa mma, wiram mmoa ne ewiem nnomaa teɛ no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo adi wɔn nyinaa so: Wone sika tiri no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

38 Ɔde wiase nnipa, mmoa a wɔwɔ wuram ne nnomaa a wotu ahyɛ wo nsa. Baabiara a wɔwɔ no, wɔayɛ wo wɔn sodifo. Wo na woyɛ saa sikakɔkɔɔ ti no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

38 Ɔde ewiase nnipa, mmoa a wɔwɔ wiram ne nnomaa a wɔtu ahyɛ wo nsa. Baabiara a wɔwɔ no, wɔayɛ wo wɔn so difoɔ. Wo na woyɛ saa sikakɔkɔɔ ti no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

38 na baabiara a nnipa mma, wuram mmoa ne wim nnomaa te no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo adi wɔn nyinaa so: Wone sika tiri no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:38
10 Iomraidhean Croise  

Asɛm a ɛfiri AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, berɛ a Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa ne asase a ɛwɔ ne tumi aseɛ no so ahennie nyinaa ne aman no nyinaa aba rebɛne Yerusalem ne ne nkuro nyinaa ako no se:


Na AWURADE de Yudahene Yehoiakim ne Nyankopɔn fie nnoɔma no bi hyɛɛ ne nsa, na ɔsoa de kɔɔ n’anyame fie wɔ Sinar asase so; na ɔde nnwinneɛ no kɔɔ ne nyame adekoradan mu.


Ohoni no nie: Ne tiri yɛ sika pa, ne koko ne n’abasa yɛ dwetɛ, ne yafunu ne n’asene yɛ kɔbere mfrafraeɛ.


Na w’akyi na ahennie foforɔ bɛsɔre a ɛnnuru wo deɛ no ne ahennie a ɛtɔ so mmiɛnsa foforɔ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɛbɛdi asase nyinaa soɔ.


Daeɛ yi na me, Ɔhene Nebukadnessar, mehunuiɛ. Na afei wo, Beltesasar, ka ne nkyerɛaseɛ, ɛfiri sɛ m’ahennie mu anyansafoɔ nyinaa ntumi nkyerɛ me aseɛ, na wo deɛ, ɛsiane sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu nti, wobɛtumi.


Wo, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahennie, kɛseyɛ, anidie ne animuonyam maa w’agya Nebukadnessar,


Deɛ ɔdi kan no te sɛ gyata, na ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban; mehwɛe ara kɔsii sɛ wɔtutuu ne ntaban no, na wɔmaa no so firii fam, na wɔmaa no gyinaa nan mmienu so sɛ onipa, na wɔmaa no onipa akoma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan